Add parallel Print Page Options

Wɔde Kristo bɔɔ afɔre

Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ ɔsɔfo panyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ soro no ahengua no nifa so. Ɔsom sɛ ɔsɔfo panyin wɔ Kronkron mu Kronkron hɔ a ɛkyerɛ ntamadan a Awurade no ankasa sii a ɛnyɛ onipa na osii.

Woyi ɔsɔfo panyin biara sɛ ɔmfa akyerɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛn sɔfo panyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre. Sɛ ɔwɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ, asɔfo wɔ hɔ a wɔde akyɛde ma sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. Dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Ɛte sɛ Mose bere so de no ara pɛ. Bere a ɔpɛe sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so sɛ yɛ no no pɛpɛɛpɛ.” Nanso wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no te sɛ apam a ne nti, Onyankopɔn ne nnipa pamee, efisɛ, wofi bɔhyɛ pa mu na ɛpam saa apam no.

Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no. Nanso Onyankopɔn nyaa ne nkurɔfo ho mfaso na ɔkae se, “Nna bi reba, Awurade na ose, a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw bɛhyehyɛ apam foforo. Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn mpanyimfo hyehyɛe wɔ da a misoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛe no ho nokware, ɛno nti mantew m’ani anhwɛ wɔn, Awurade na ose. 10 Afei, eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem na makyerɛw agu wɔn komam. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo. 11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’ Efisɛ, wɔn nyinaa nim me fi akumaa so kosi ɔkɛse so. 12 Mehu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.”

Nhyehyɛe dedaw no

13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no, ama nea wɔyɛe kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.

The High Priest of a New Covenant

Now the main point of what we are saying is this: We do have such a high priest,(A) who sat down at the right hand of the throne of the Majesty in heaven,(B) and who serves in the sanctuary, the true tabernacle(C) set up by the Lord, not by a mere human being.

Every high priest(D) is appointed to offer both gifts and sacrifices,(E) and so it was necessary for this one also to have something to offer.(F) If he were on earth, he would not be a priest, for there are already priests who offer the gifts prescribed by the law.(G) They serve at a sanctuary that is a copy(H) and shadow(I) of what is in heaven. This is why Moses was warned(J) when he was about to build the tabernacle: “See to it that you make everything according to the pattern shown you on the mountain.”[a](K) But in fact the ministry Jesus has received is as superior to theirs as the covenant(L) of which he is mediator(M) is superior to the old one, since the new covenant is established on better promises.

For if there had been nothing wrong with that first covenant, no place would have been sought for another.(N) But God found fault with the people and said[b]:

“The days are coming, declares the Lord,
    when I will make a new covenant(O)
with the people of Israel
    and with the people of Judah.
It will not be like the covenant
    I made with their ancestors(P)
when I took them by the hand
    to lead them out of Egypt,
because they did not remain faithful to my covenant,
    and I turned away from them,
declares the Lord.
10 This is the covenant(Q) I will establish with the people of Israel
    after that time, declares the Lord.
I will put my laws in their minds
    and write them on their hearts.(R)
I will be their God,
    and they will be my people.(S)
11 No longer will they teach their neighbor,
    or say to one another, ‘Know the Lord,’
because they will all know me,(T)
    from the least of them to the greatest.
12 For I will forgive their wickedness
    and will remember their sins no more.(U)[c](V)

13 By calling this covenant “new,”(W) he has made the first one obsolete;(X) and what is obsolete and outdated will soon disappear.

Footnotes

  1. Hebrews 8:5 Exodus 25:40
  2. Hebrews 8:8 Some manuscripts may be translated fault and said to the people.
  3. Hebrews 8:12 Jer. 31:31-34