Revised Common Lectionary (Semicontinuous)
Onyankopɔn anuonyam wɔ abɔde mu
19 Ewim da Onyankopɔn anuonyam adi! Ɛkyerɛ nea wayɛ mu pefee! 2 Ɛda biara ka kyerɛ da a edi so; saa ara na anadwo biara nso yɛ. 3 Ɔkasa nni mu, na wɔnte nne nso, 4 nanso wɔn nne kɔ wiase mmaa nyinaa ma wɔte wɔ asase ano nyinaa. Onyankopɔn bɔɔ atenae wɔ wim maa owia; 5 epue anɔpa ahotɔ mu sɛ ayeforokunu; te sɛ mmirikatufo a ne ho pere no sɛ osi mmirikakane. 6 Ofiti ase wɔ wim ano baabi twa mu kɔ fa. Biribiara rentumi nhintaw ne ho mfi ne hyew no ase.
7 Awurade mmara yɛ pɛ; ɛma ahoɔden foforo. Awurade nsɛm hyɛ ma; ɛma wɔn a wonni nyansa no nyansa. 8 Awurade mmara yɛ trenee; wɔn a wodi so no ho tɔ wɔn. Awurade nsɛm no yɛ trenee; ɛma adwene ne ntease. 9 Ɔsom a wɔsom Awurade ye; ɛbɛkɔ so daa daa. Awurade atemmu yɛ trenee; ne nyinaa yɛ pɛ. 10 Ɛho hia sen sikakɔkɔɔ amapa; ɛyɛ dɛ sen ɛwo amapa. 11 Ɛma me, wo somfo, adwene. Manya di a midi so no ho akatua.
12 Obiara ntumi nhu n’ankasa mfomso; Awurade, yi me fi me mfomso a ahintaw no mu! 13 Bɔ me ho ban fi ɔboayɛ mu, na mma ho kwan mma ennni me so. Ɛba saa a, mɛyɛ pɛ na made me ho wɔ bɔneyɛ nnadaa mu. 14 Me nsɛm ne m’adwene nyɛ nea wopɛ, O Awurade; me guankɔbea ne me gyefo.
16 Enti mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa nea mudi anaa monom, nea ɛfa nna kronkron anaa nea ɛfa asram foforo afahyɛ anaa nea ɛfa Homeda ho mmma mo. 17 Saa nneɛma no nyinaa yɛ daakye mu nsɛm sunsum. Kristo ne ɔpapa no. 18 Mommma obiara a esiane sɛ ɔfa no sɛ wanya anisoadehu nti ɔka ahobrɛase a enni mu ne abɔfosom ho asɛm no mmu mo atɛn. Saa ahantanfo yi, ɛwom sɛ wɔfa wɔn ho sɛ ahobrɛasefo, wɔ anifere su. 19 Saa nnipa no ne Kristo no a ɔyɛ Ti na yɛn nyinaa yɛ nipadua a wɔaka abom no nni ayɔnkofa. Kristo tumi nti, nipadua no nyinaa nya n’apɛde, na apɔw so ne ntini akɛse suso mu ma ɛbɔ mu baako na enyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no.
20 Mo ne Kristo awu nti moatew mo ho afi ahonhom a wodi wiase so no ho. Adɛn nti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa wiase no ase? Adɛn nti na mudi saa mmara no so se, 21 “Munnso eyi mu,” “Munnni eyi,” “Mommfa mo nsa nka afoforo?” 22 Nso sɛ wɔde eyinom nyinaa di dwuma a, ne nyinaa sɛe. Ɛyɛ onipa mmara ne ne nkyerɛkyerɛ. 23 Mmara a ɛte saa a wɔhyɛ wɔ ɔsom mu, boa pa kyerɛ ahobrɛase su, hyɛ nnipa ketee no ho nni mfaso biara ma nipadua no.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.