M’Cheyne Bible Reading Plan
Osetie a wɔyɛ ma Awurade mmara
121 Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma m’atamfo! 122 Hyɛ bɔ sɛ wobɛboa wo somfo. Mma ahantanfo nhyɛ me so. 123 Mahwɛ wo nkwagye, wo gye kwan ama m’ani abu. 124 Ma wo daa dɔ no nka me na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. 125 Meyɛ wo somfo; ma me ntease na mahu wo nkyerɛkyerɛ.
126 Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi efisɛ, nnipa rebu mmara so. 127 Medɔ w’ahyɛde sen sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ a ɛyɛ fɛ pa ara mpo. 128 Enti midi wo nkyerɛkyerɛ so; mekyi akwammɔne.
Pɛ a wɔpɛ Awurade mmara sodi
129 Wo nkyerɛkyerɛ yɛ nwonwa. Mede me koma nyinaa tie. 130 Wo nkyerɛkyerɛ no kyerɛ me hann na ɛma nea onnim no nyansa. 131 Mede ahopere bue manom pɛ w’ahyɛde akyi kwan.
132 Dan w’ani hwɛ me na hu me mmɔbɔ sɛnea woyɛ ma wɔn a wɔdɔ wo no. 133 Sɛnea woahyɛ me bɔ no, mma mennhwe ase. Mma bɔne nni me so. 134 Gye me fi wɔn a wɔhyɛ me so no nsam, sɛnea medi w’ahyɛde so. 135 Ma ba a woba me nkyɛn no nhyira me, na kyerɛ me wo mmara. 136 Me nusu gu te sɛ asubɔnten efisɛ, nnipa ntie wo mmara.
Atɛntrenee a ɛwɔ Awurade mmara mu
137 Woyɛ ɔtreneeni, Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ. 138 Mmara a wode ama no ye na ɛteɛ. 139 M’abufuw hyehye me sɛ ogya efisɛ, m’atamfo mmu w’ahyɛde no. 140 Akyinnye nni wo bɔhyɛ ho! M’ani gye ho! 141 Menka hwee, na wommu me, nanso mempo wo nkyerɛkyerɛ no.
142 Wo treneeyɛ bɛtena hɔ daa daa. Wo mmara no yɛ nokware daa. 143 Ɔhaw ne ahopere ahyɛ me ma nanso w’ahyɛde ma me ahosɛpɛw. 144 Wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokware daa; kyɛ me ntease na mɛtena ase.
Anyansafo a wofi apuei no
7 “Mummmu ntɛn, na afoforo ammu mo ntɛn. 2 Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo. 3 Adɛn na woma ɔbo ketewaa a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a ɔbo kɛse da wo de so? 4 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minyi bosea a ɛda w’ani so no mma wo,’ wɔ bere a, ɔbo kɛse da w’ani so? 5 Onipa huuhuu: Di kan yi ɔbo a ɛda w’ani so no ansa na woatumi ahu wo nua de ayi ama no.
6 “Mommfa nea ɛho tew mma akraman. Saa ara na monntow mo nhene pa ngu mprako anim! Wobetiatia so na wɔadan wɔn ho atow ahyɛ mo so.
Bisa, hwehwɛ, pem
7 “Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo. 8 Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no. 9 Na hena na ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? 10 Anaasɛ obisa no nsumnam a, ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! 11 Na sɛ mo a, mo koma yɛ den a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo agya a ɔwɔ soro no mfa nnepa mma ne mma a wobisa no no?
12 “Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
Ɔkwan hihiaa no
13 “Ɔkwan hihiaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ soro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no so trɛw, na n’apon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔpɛ sɛ wɔfa so kɔ ɔsɛe mu no. 14 Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewaa, na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.
15 “Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho. 16 Wɔn nneyɛe na mode behu wɔn, sɛnea mutumi de dua bi aba hu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi mfa kokora nyɛ bayerɛ; saa ara nso na worentumi mfa kwaeborɔfere nyɛ borɔfere. 17 Dua a ɛwɔ nnyinaso pa no tumi sow aba pa; na dua a enni nnyinaso pa no nso sow aba bɔne. 18 Dua a ɛwɔ ahoɔden no ntumi nsow aba a enye, ɛnna dua a enni ahoɔden no nso ntumi nsow aba a eye. 19 Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa, de gu gya mu, hyew. 20 Onipa nneyɛe na ɛma yehu ne suban. Saa ara nso na dua bi aba a ɛsow no na ɛma yɛde hu sɛ ɛyɛ dua pa anaa dua bɔne.
21 “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade,’ ‘Awurade’, no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu. 22 Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade ahorow.’ 23 Na mabua wɔn se, ‘Minhuu mo da, na minnim mo nso. Nnebɔneyɛfo, mumfi ha nkɔ!’
24 “Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.
25 Sɛ osu tɔ, na osuframa bɔ, na nsu yiri, na emu biara ka ɔdan no a, ɛremmu da, efisɛ, wosi sii ɔbotan so.
26 “Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no yɛ nkwaseafo. Wɔte sɛ obi a osii ne dan sii anhwea so. 27 Sɛ osu tɔ, na osuframa bɔ, na nsu yiri, na emu biara ka ɔdan no a, ebedwiriw agu fam abubu pasaa.”
28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn, 29 efisɛ, ɔkyerɛkyerɛe sɛ obi a okita tumi, na ɛnyɛ nea mmara no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.