Historical
Onyankopɔn ka yɛn ho
46 Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden a wasiesie ne ho sɛ ɔbɛboa ɔhaw bere mu. 2 Enti sɛ asase rewosow koraa a, yensuro, na sɛ mmepɔw tutu kogu ɛpo bon mu nso a, saa ara. 3 Sɛ ɛpo huru so anibere so na nkoko wosow nhuruso no mu a, saa ara.
4 Asu bi wɔ hɔ a ɛde ahokeka ba Onyankopɔn kurow mu, Ɔsorosoroni kronkron no fi. 5 Onyankopɔn te saa kurow no mu, na obiara rensɛe no da; anɔpahema, ɔbɛba abɛboa. 6 Aman ho popo na ahemman nso wosow. Onyankopɔn pae aprannaa na asase mene.
7 Awurade Tumfoɔ ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea. 8 Bɛhwɛ nea Awurade ayɛ. Hwɛ anwonwade a wayɛ wɔ asase so. 9 Ɔpata wiase ko nyinaa. Obubu agyan, sɛe mpeaw, hyew nkatabo. 10 Ɔka se, “Munnyae ɔko no na munhu sɛ me ne Onyankopɔn, aman so tumfoɔ ne wiase tumfoɔ.”
11 Awurade Tumfoɔ ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.
Ɔhene Tumfo
47 Nnipa nyinaa, mommɔ mo nsam ahosɛpɛw so! Monto nnwom dennen nkamfo Onyankopɔn. 2 Ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, ɔsorosoroni no. Ɔyɛ ɔhene kɛse a odi wiase nyinaa so. 3 Ɔma yedii nnipa so nkonim. Ɔma yedii aman so. 4 Oyii asase a yɛte so yi maa yɛn. Ɛyɛ agyapade a ne nkurɔfo a ɔdɔ wɔn de hoahoa wɔn ho.
5 Onyankopɔn aforo n’ahengua. Ahosɛpɛw nteɛteɛm ne torobɛnto nne ba hɔ bere a Awurade rekɔ soro no. 6 To ayeyi dwom ma Onyankopɔn. To ayeyi dwom ma yɛn hene! 7 Onyankopɔn yɛ wiase nyinaa hene. Momfa nnwom nyi n’ayɛ. 8 Onyankopɔn tena n’ahengua kronkron no so. Odi aman so. 9 Aman so difo ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛ Abraham asefo bɔ gua. Ne tumi sen asraafo Nyinaa. Ɔyɛ Otumfoɔ.
Sion, Onyankopɔn kurow
48 Awurade yɛ ɔkɛse enti ɛsɛ sɛ wɔkamfo no yiye wɔ yɛn Nyankopɔn kurow a ɛwɔ bepɔw kronkron no so no mu. 2 Sion, Onyankopɔn bepɔw no korɔn na ɛyɛ fɛ. Ɔhene kɛse no kurow no de ahosɛpɛw ba wiase mmaa nyinaa.
3 Onyankopɔn ada no adi sɛ asomdwoe wɔ ne mu wɔ kurow no aban akɛse no mu. 4 Ahemfo yi boaa wɔn ho ano kotuaa Sion bepɔw. 5 Nanso wohui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Wosuroe, enti woguanee. 6 Ɛhɔ na ehu ne ɔhonam mu yaw kaa wɔn te sɛ ɔbea a awo aka no, 7 anaasɛ ɛhyɛn a ɛrebɔ mpata biribibiri wɔ ahum mu. 8 Yɛate nea Onyankopɔn ayɛ na mprempren yɛahu wɔ yɛn Nyankopɔn, Awurade Tumfoɔ kurow no mu; ɔbɛbɔ kurow no ho ban daa daa.
9 Wo fi no mu, O Onyankopɔn, na yedwen daa dɔ a wowɔ no ho. 10 Nnipa kamfo wo mmaa nyinaa, na wo din atrɛw wɔ asase so mmaa nyinaa. Wudi hene nokwarem. 11 Ma Sionfo ani nnye. Wubu atɛntrenee. Ma ahosɛpɛw mmra Yuda nkurow mu! 12 Onyankopɔn nkurɔfo twa Sion ho hyia kan n’abantenten. 13 Hwɛ n’afasuw na hwɛ n’aban akɛse no yiye na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
14 “Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa. Obedi yɛn anim nna a ɛreba no nyinaa mu.”
Ahonya mu ahotoso yɛ nkwaseasɛm
49 Obiara ntie saa asɛm yi! Muntie, nnipa a mowɔ mmaa nyinaa, 2 akɛse ne nketewa, adefo ne ahiafo nyinaa. 3 M’adwenem bɛdɔ. Mɛka anyansasɛm. 4 Mebu bɛ na makyerɛ ase bere a merebɔ me sanku. 5 Minsuro bɔne bi bere a atamfo 6 ne nnebɔneyɛfo a wɔde wɔn ho to ahonya so na wɔhoahoa wɔn ho wɔ wɔn ahonya mu no atwa me ho ahyia. 7 Onipa ntumi nnye ne ho mfi ɔhaw mu; ɔrentumi ntua ne nkwa ho ka mma Onyankopɔn. 8 Efisɛ, onipa nkwa so akatua bo yɛ den. Nea obetumi atua no 9 rentumi ntwe no mfi damoa mu mma ɔntena nkwa mu daa daa.
10 Obiara nim pefee sɛ anyansafo mpo wu. Saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu. Wɔn nyinaa gyaw wɔn ahonya no hɔ ma wɔn asefo. 11 Wɔn adamoa yɛ wɔn fi afebɔɔ. Ɛwom sɛ na wɔwɔ wɔn ara wɔn nsase nanso ɛhɔ na wɔtena daa nyinaa. 12 Onipa kɛseyɛ rentumi nnye no nkwa mfi owu mu. Ɛyɛ dɛn ara a, obewu te sɛ nea mmoa nso wu. 13 Hwɛ nea ɛba wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ho so no so, nea ɛba wɔn a wɔn ani sɔ wɔn ahonya no so.
14 Wɔadome wɔn sɛ wonwu sɛ nguan, na Owu na ɔbɛyɛ wɔn hwɛfo. Atreneefo bedi wɔn so nkonim bere a wɔn honam aporɔw wɔ asaman a ne kwan ne wɔn afi ware no.
15 Nanso Onyankopɔn begye me. Obegye me afi owu tumi ase. 16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnhaw wo; na sɛ onya ma ɛboro so nso a, saa ara. 17 Sɛ owu a, ɔrentumi mfa nkɔ. N’ahonya no ne no renkɔ damoa mu. 18 Mpo sɛ obi ani sɔ asetena yi na esiane sɛ odi yiye nti, nnipa kamfo no a, 19 ɔbɛkɔ akɔka n’asefo ho wɔ owu mu a esum wɔ hɔ daa nyinaa no. 20 Onipa kɛseyɛ rentumi nnye no mfi owu mu; obewu te sɛ nea mmoa wu ara pɛ!.
Ɔsom pa
50 Otumfoɔ Awurade Nyankopɔn kasa; ɔkasa kyerɛ asase nyinaa fi apuei kosi atɔe.
2 Onyankopɔn hyerɛn fi Sion, kurow a ne fɛ so nni. 3 Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔremma komm; ogya frama di n’anim. Ahum dennen atwa ne ho ahyia. 4 Ɔfrɛ soro ne asase adansefo sɛ wɔmmɛhwɛ sɛ ɔrebu ne nkurɔfo atɛn. 5 Ɔka se, “Boaboa me gyidifo ano brɛ me; wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.” 6 Ɔsoro pae mu ka se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni, na ɔno ankasa yɛ ɔtemmufo.
7 Muntie, me nkurɔfo; mɛkasa. Medi adanse atia wo, Israel. Mene Onyankopɔn, mo Nyankopɔn no. 8 Ɛnyɛ mo afɔrebɔ no anaa ɔhyew afɔre a mobɔ ma me daa no nti na mereka mo anim. 9 Merenhwehwɛ anantwinini mfi mo mfuw mu. Saa ara na merenhwehwɛ mmirekyi mfi mo nguankuw mu. 10 Kwae mu mmoa nyinaa yɛ me de. Anantwi a wɔwɔ mmepɔw mpempem so nso saa ara. 11 Wuram nnomaa nyinaa ne nneɛma a nkwa wɔ mu a wɔwɔ mfum nso yɛ me de. 12 “Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de. 13 Mewe anantwinini, nom mmirekyi mogya anaa? 14 Momma aseda a moda Onyankopɔn no nyɛ afɔre a mobɔ ma no, na momfa biribiara a mohyɛ Otumfoɔ no ho bɔ no mma no. 15 Amane mu, momfrɛ me na megye mo na mobɛkamfo me.”
16 Nanso Onyankopɔn bisa nnebɔneyɛfo no se, “Adɛn nti na moka me mmara? Adɛn nti na moka m’apam ho asɛm? 17 Mompɛ sɛ mɛteɛteɛ mo so. Mopoo me mmara. 18 Owifo biara a mubehu no no, mofa no yɔnko na mo ne awaresɛefo bɔ. 19 Daa musiesie mo ho sɛ mobɛka bɔne; monkyɛ atorotwa ho. 20 Moasiesie mo ho sɛ moka asɛm to mo nuanom so na mopɛ mfomso tia wɔn. 21 Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee, enti mususuw sɛ mete sɛ mo. Nanso afei meka mo anim ma asɛm no mu da hɔ ma mo. 22 Mo a moantie me, muntie asɛm yi, anyɛ saa a, mɛsɛe mo na obi nni hɔ a obegye mo nkwa.
23 “Aseda a mobɛda no yɛ afɔre a ɛhyɛ me anuonyam na akyinnye biara nni ho sɛ megye wɔn a wotie me no nkwa.”
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.