Bible in 90 Days
Babilon asehwe
18 Eyi akyi, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na n’anuonyam hyerɛn asase so nyinaa.
2 Ɔteɛɛm denneenen se, “Wahwe ase! Babilon kɛse ahwe ase! Ahohommɔne ne honhom a wɔn ho ntew rehunahuna no. Nnomaa fi a wɔmpɛ wɔn asɛm nyinaa te ne mu. 3 Ɔde ne nsa a ɛyɛ n’aguamammɔ nsa a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee. Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so adwumayɛfo nam n’ahonya so nyaa wɔn ho.”
4 Afei metee nne foforo bi a efi soro ka se, “Mumfi, me nkurɔfo! Mumfi ne mu mfi! Mommfa mo ho mmfra ne bɔne a ɔyɛ no mu; mo ne no nnkyɛ n’asotwe! 5 Efisɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten, na Onyankopɔn kae n’akwammɔne no. 6 Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɛɛ mo biara no,muntua no so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no bi a ano yɛ den mmɔho abien. 7 Momma onhu amane na ne werɛ nhow sɛ anuonyam ne n’ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Efisɛ, daa ɔka se, ‘Mete ha sɛ ɔhemmea. Menyɛ okunafo, me werɛ renhow da!’ 8 Esiane eyi nti, n’amanehunu bɛba ne so da bi, ɔyare, awerɛhow ne ɔkɔm. Na wɔde ogya ahyew no; efisɛ, Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no so.”
9 Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no, hu ɔhyew a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu, atwa agyaadwo. 10 N’amanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se, “Due! Due, O kurow kɛse, O Babilon, kurow a ɛwɔ tumi. Efisɛ, dɔnhwerew baako pɛ mu, w’atemmu aba.”
11 Adwumayɛfo a wɔwɔ asase so nso su no efisɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden abo ne nhene pa, ne nwera pa ne ntama afasebiri ne sirikyi ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asommɛn adwini nyinaa, ne adwinne a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowa ne dade ne abohemmaa, 13 ne pɛprɛ ne mmurongo, ne nnuhuam ne kurobow, ne huamfufu ne nsa ne ngo, ne asikiresiam muhumuhu ne awi, ne nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nnipadua ne nnipa akra bio.
14 Adwumayɛfo no ka kyerɛɛ no se, “Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera; na w’ahonya ne w’anuonyam no kɔ; na wo nsa renka bio.”
15 Adwumayɛfo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ, wosuro amanehunu a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo, 16 na wɔaka se, “Due! Due, O kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne tam kɔkɔɔ na sika ne aboɔden abo ne nhene pa bobɔ mu. 17 Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asa.”
Nsum ahyɛnkafo, ne hyɛn no mu nnipa, ne hyɛn no mu adwumayɛfo, ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri 18 sui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no no wusiw no. “Kurow biara a ne kɛse te saa mmae bio.” 19 Wɔtow mfutuma guu wɔn atifi na wosu twaa agyaadwo se, “Due! Due O kurow kɛse, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam n’ahonya so yɛɛ adefo. Na dɔnhwerew baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!”
20 Ma w’ani nnye wɔ ne ho, O ɔsoro! Mogya adansefo ne asomafo ne adiyifo, mo ani nnye! Ɔkwan a ɔde mo faa so nti, Onyankopɔn abu no atɛn.
21 Afei ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ owiyammo tow kyenee po mu kae se, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛtow Babilon kɛse no akyene fam a wɔrenhu no bio. 22 Wɔrente sankubɔfo ne nwontofo, atɛntɛbɛnbɔfo ne torobɛntohyɛnfo nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhu odwimfo biara wɔ mo mu bio. Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ mo mu bio. 23 Kanea hann renhyerɛn wɔ mo mu bio. Wɔrente ayeforokunu ne ayeforoyere nne wɔ mo mu bio. W’adwumayɛfo yɛ wiase mu nnipa titiriw. Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa. 24 Wɔtwee Babilon aso efisɛ, ne mu na wohuu adiyifo ne mogya adansefo ne wɔn a wokum wɔn asase so nyinaa mogya.”
Nnipakuw a wɔwɔ soro ani gye
19 Eyi akyi metee nne bi te sɛ nnipakuw a wɔwɔ soro se, “Haleluia! Nkwagye ne anuonyam ne tumi wɔ yɛn Nyankopɔn 2 efisɛ, n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ sɛ obuu oguamanfo kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe n’aso efisɛ, okum n’asomfo.”
3 Na afei wɔteɛɛm bio se, “Haleluia! Wusiw a efi ne nkyɛn no kɔ soro daa daa.”
4 Mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no butubutuw Onyankopɔn a ɔte n’ahengua so no anim som no. Na wɔteɛɛm se, “Amen, Haleluia!”
5 Afei ɛnne bi fi ahengua no so bae se, “Monkamfo yɛn Nyankopɔn, mo a moyɛ n’asomfo nyinaa, mo a musuro no, akɛse ne nkumaa!”
6 Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworoso ne aprannaa a ɛrepaepae a ɛreteɛm se, “Haleluia! Yɛn Tumfoɔ Awurade Nyankopɔn di hene. 7 Momma yɛn ho nsɛpɛw yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no anuonyam efisɛ, Oguammaa no ayeforohyia adu a n’ayeforokunu asiesie ne ho. 8 Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani tew maa no sɛ ɔnhyɛ.” Nwera no kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo trenee adeyɛ.
9 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Kyerɛw se, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Oguammaa no ayeforohyia anwummere apontow ase.” Ɔka kaa ho se, “Eyi yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”
10 Mibutuw ne nan ase som no. Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa, efisɛ, meyɛ ɔsomfo te sɛ wo ne wo nuanom a wodi Yesu ho adanse no. Som Onyankopɔn efisɛ, nokware a Yesu daa no adi no na ɛhyɛɛ adiyifo no nkuran.”
Ahene mu Hene
11 Afei mihui sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no din de “Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo.” Nokware na ogyina so bu atɛn ko ne ko. 12 N’aniwa te sɛ ogya a ɛredɛw a na ɔhyɛ ahenkyɛw bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu ne ho, nanso na obiara nnim nea ɛyɛ ka ne ho. 13 Na wɔde n’atade a ɛhyɛ no no anu mogya mu. Din a wɔde frɛ no ne “Onyankopɔn Asɛm.” 14 Ɔsoro asraafo a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani tew a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii n’akyi.
15 Nkrante a ano yɛ nnam yiye a ɔde bedi aman so fii n’anom bae. Dade poma na ɔde bɛtetew wɔn. Obetiatia Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ no abufuw a ɛyɛ den no nsakyiamoa no so. 16 Na wɔakyerɛw edin “AHENE MU HENE NE AWURADE MU AWURADE” agu n’atade mu ne ne nan ho.
17 Afei mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Ɔteɛɛm guu nnomaa a wɔnam wim nyinaa so se, “Mommra mmehyiam wɔ Onyankopɔn apontow kɛse no ase. 18 Mummedi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfo nam ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam ne adehye ne nkoa ne akɛse ne nkumaa nyinaa nam.”
19 Afei mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafo a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia nea ɔtena ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm. 20 Wɔkyeree aboa no ne ne atorodiyifo a ɔyɛɛ anwonwade wɔ n’anim no de wɔn too afiase. Saa anwonwade no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyirae ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtow aboa no ne atorodiyifo no anikann guu ogya ɔtare a sɔfere na na ɛredɛw wɔ mu no mu. 21 Wɔde nkrante a efi ɔpɔnkɔkafo no anom kunkum wɔn asraafo, na nnomaa no dii wɔn nam sɛnea wobetumi.
Mfe apem ahenni
20 Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi soro reba fam a na okita ebun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduru bi. 2 Ɔkyeree ɔwɔ kɛse dedaw a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfe apem. 3 Ɔbɔfo no tow no kyenee ebun no mu too mu safe sɔw ano sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nnaadaa aman bio kosi sɛ mfe apem no betwam. Ɛno akyi wobegyaa no kakra.
4 Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so. Wɔmaa wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔakunkum wɔn no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔmfaa aboa no agyiraehyɛde nhyɛɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyirae. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi.
5 Eyi ne awufosɔre a edi kan. 6 Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.
7 Mfe apem no akyi, wobeyi ɔbonsam afi afiase hɔ; 8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano anhwea de wɔn akɔ sa. 9 Wotuu sa kɔɔ asase so nyinaa kotwaa Onyankopɔn nkurɔfo atenae a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiae. Nanso ogya fi soro bɛsɛee wɔn.
10 Ɛnna wɔtow ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no too ogya tare ne sɔfere a wɔde aboa no ne atoro odiyifo no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayaade awia ne anadwo daa daa.
Atemmu a etwa to
11 Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne soro yerae wɔ n’anim a wɔanhu bio. 12 Na mihuu awufo akɛse ne nketewa sɛ wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, ɛnna wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te, ne sɛnea wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no. 13 Afei ɛpo nso dan n’awufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. 14 Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. 15 Na obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.
Ɔsoro foforo ne asase foforo
21 Afei mihuu ɔsoro foforo. Ɔsoro foforo no ne asase foforo no yerae, ɛnna po no nso yerae. 2 Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo sɛ efi Onyankopɔn hɔ wɔ soro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforoyere a ɔrekohyia ne kunu.
3 Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, “Afei Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. 4 Na ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio; na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwam.”
5 Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, “Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!” Ɔka kyerɛɛ me nso se, “Kyerɛw eyi efisɛ, saa nsɛm yi yɛ nokware a wɔde wɔn ho to so.” 6 Na ɔkɔɔ so kae se, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, mfitiase ne awiei no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsu a efi nkwa asuti mu anom kwa. 7 Obiara a obedi nkonim no benya eyi afi me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8 Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne aguamanfo ne adutufo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu a, ɛyɛ owuprenu no mu.”
Yerusalem foforo no
9 Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma no mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayefofoyere a ɔyɛ Oguammaa no yere no.”
10 Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi soro, Onyankopɔn hɔ reba fam, 11 a ɛrehyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu. Na kurow no hyerɛn sɛ aboɔdenbo, sɛ ahwehwɛbo a emu sɛ ahwehwɛ. 12 Na ne fasuw no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso a ɛwɔ apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ apon no so. Apon no so na wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu nnipa din. 13 Ɛfa biara na apon abiɛsa na ɛwɔ hɔ - abiɛsa wɔ apuei; abiɛsa wɔ anafo; abiɛsa wɔ atifi ɛnna abiɛsa wɔ atɔe. 14 Wosii kurow no afasuw sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguammaa no asomafo dumien no din wɔ so no so.
15 Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no wɔ sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde besusuw kurow no, n’apon ne ne fasuw. 16 Na kurow no ayi ahinanan pɛpɛɛpɛ a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ akwansin apem ne ahanum na ne tɛtrɛtɛ, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. 17 Ɔbɔfo no susuw afasuw no nso a na ne sorokɔ yɛ nammɔn ahanu ne dunsia sɛnea na saa bere no nsusuwii a ɔbɔfo no nam so kae no te no.
18 Ahwehwɛbo na ɔde too afasuw no. Na kurow no de, sikakɔkɔɔ amapa a ɛyɛ hyɛnn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toe. 19 Wɔde aboɔdenbo ahorow a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kurow no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo. Fapem a ɛto so abien yɛ hoabo. Fapem a ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo.
20 Fapem a ɛto so anan yɛ ahabammonobo. Fapem a ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia yɛ bogyanambo. Fapem a ɛto so ason yɛ sikaberebo. Fapem a ɛto so awotwe yɛ apopɔbibiribo. Fapem a ɛto so akron yɛ akraatebo. Fapem a ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako yɛ owusiwbo. Fapem a ɛto so dumien yɛ beredumbo.
21 Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Apon no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛe. Na kurow no abɔnten kɛse yɛ sika amapa, kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.
22 Na wonhu asɔredan wɔ kurow no mu baabiara efisɛ, na wɔsom Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ ne Oguammaa no baabiara. 23 Na owia anaa ɔsram hann nhia kurow no efisɛ, na Onyankopɔn ne Oguammaa no anuonyam hyerɛn wɔ hɔ. 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman sodifo bɛba abɛhyɛ no anuonyam. 25 Wɔntoto kurow no apon mu. Da biara ano da hɔ. Efisɛ, sum nnuru wɔ hɔ. 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kurow no mu. 27 Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.
Nkwa asubɔnten
22 Ɔbɔfo no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani tew kronnyenn sɛ ahwehwɛ a efi Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua so 2 a, ɛteɛ fa kurow no abɔnten mfinimfini. Asu no fa biara nkwa dua si hɔ a afe biara ɛsow aba mpɛn dumien na ɔbosom biara pɛnkoro. Ɛso ahaban no, na wɔde sa aman ahorow no yare.
3 Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kurow no mu. Wobehu Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua wɔ kurow no mu na n’asomfo bɛsom no. 4 Wobehu n’anim na wɔbɛkyerɛw ne din agu wɔn moma so. 5 Ade rensa wɔ hɔ bio na akanea anaa hann ho nhia efisɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade sɛ ahene daa daa.
Kristo ba
6 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Saa nsɛm yi yɛ nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo somaa ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ n’asomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no.” 7 Yesu kae se, “Muntie! Mereba nnansa yi ara. Nhyira nka wɔn a wotie adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no!”
8 Me, Yohane mate na mahu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, huu ne nyinaa wiei no, mibutuw ɔbɔfo no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa nan ase som no. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfo te sɛ wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”
10 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no asumasɛm, efisɛ, bere abɛn sɛ saa nhoma yi nyinaa ba mu. 11 Obiara a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo no nkɔ so nyɛ ɔdebɔneyɛfo, na nea ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; nea ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na nea ɔyɛ Kronkron no nkɔ so nyɛ Kronkron.”
12 Yesu se, “Muntie! Mereba nnansa yi ara! Mede m’abasobɔde bɛbrɛ obiara sɛnea obiara dii ne dwuma.
13 Mene Alfa ne Omega, nea edi kan ne nea etwa to, mfitiase ne awiei. 14 Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntade na efi, na wɔn a wɔwɔ ho kwan sɛ wodi nkwa dua no aba na wɔfa kurow no pon no mu.
15 “Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne aguamanfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi no nyinaa wɔ. 16 Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nhoma yi nyinaa ho amanneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no. 17 Honhom no ne ayeforoyere no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka se, ‘Bra!’ Na nea osukɔm de no no mmra; na nea ɔpɛ no nso ommegye nkwa nsu no kwa.”
Awiei
18 Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu kɔkɔ se: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nhoma yi mu no ho. 19 Na sɛ obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya wɔ nkwa dua no aba no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma yi mu no mu no.
20 Nea odi nhoma yi ho adanse no ka se, “Nokware! Mereba nnansa yi ara!” Ɛnyɛ saa. Bra, Awurade Yesu!
21 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.