Nnwom 9
Nkwa Asem
Onyankopɔn atemmu ho aseda
9 Awurade, mifi me koma nyinaa mu makamfo wo. Mɛka anwonwade a woayɛ no nyinaa. 2 Wo nti, mɛto dwom anigye so. Mɛto ayeyi dwom ama wo, Otumfoɔ Nyankopɔn.
3 Sɛ m’atamfo hu wo a, wɔsan wɔn akyi. Wɔtetew hwehwe, wuwu. 4 Wubu atɛntrenee, na woabu me bem. 5 Woabu amanamanmufo fɔ, na woasɛe nnebɔneyɛfo. Na worenkae wɔn bio. 6 Woawie yɛn atamfo korakora; woasɛe wɔn nkurow, na wɔn ho nkae ayera korakora.
7 Nanso Awurade di hene daa daa. Wasi n’atemmu ahengua. 8 Ɔne atreneefo na edi wiase so; ɔnam atɛntrenee so na ebu amanaman atɛn. 9 Awurade yɛ nea wɔretane n’ani guankɔbea ne amanehunu mu nkwagyebea. 10 Awurade, wɔn a wonim wo no de wɔn ho bɛto wo so. Na obiara a ɔba wo nkyɛn no nso, worennyaw no.
11 Monto ayeyi dwom mma Awurade a odi Sion so no. Monka nea wayɛ nkyerɛ amanaman. 12 Onyankopɔn kae amanehunufo. Ne werɛ mfi wɔn su, na ɔtwe wɔn a wɔhaw wɔn no aso.
13 O Awurade, hu me mmɔbɔ. Hwɛ amane a m’atamfo ma mihu. Gye me fi owu mu, O Awurade, 14 na matumi agyina nnipa a wɔwɔ Yerusalem anim, na maka nneɛma a mekamfo wo wɔ ho makyerɛ wɔn. M’ani begye efisɛ, woagye me nkwa.
15 Amanamanmufo atu amoa na wɔatɔ mu. Wɔn ara wɔn ankasa afiri ayi wɔn. 16 Awurade da ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔtreneeni efisɛ, ɔma nnebɔneyɛfo no ara afiri yi wɔn.
17 Owu wɔ hɔ ma nnebɔneyɛfo ne wɔn a wɔpo Onyankopɔn nyinaa. 18 Ɛnyɛ daa na wobegyaw wɔn a ade ahia wɔn, na mmɔborɔfo anidaso renyera korakora.
19 Bra, Awurade! Mma nnipa nnko nntia wo! Twe amanamanmufo bra w’anim na bu wɔn atɛn. 20 Ma wonsuro, O Awurade; na ma wonhu sɛ wɔyɛ adasamma.
Psalm 9
English Standard Version
I Will Recount Your Wonderful Deeds
[a] To the choirmaster: according to Muth-labben.[b] A Psalm of David.
9 I will give thanks to the Lord with my whole heart;
I will recount all of your (A)wonderful deeds.
2 I will be glad and (B)exult in you;
I will (C)sing praise to your name, (D)O Most High.
3 When my enemies turn back,
they stumble and perish before[c] your presence.
4 For you have (E)maintained my just cause;
you have (F)sat on the throne, giving righteous judgment.
5 You have (G)rebuked the nations; you have made the wicked perish;
you have (H)blotted out their name forever and ever.
6 The enemy came to an end in everlasting ruins;
their cities you rooted out;
the very memory of them has perished.
7 But the Lord sits enthroned forever;
he has established his throne for justice,
8 and he (I)judges the world with righteousness;
he (J)judges the peoples with uprightness.
9 The Lord is (K)a stronghold for (L)the oppressed,
a stronghold in (M)times of trouble.
10 And those who (N)know your name put their trust in you,
for you, O Lord, have not forsaken those who seek you.
11 Sing praises to the Lord, who (O)sits enthroned in Zion!
Tell among the peoples his (P)deeds!
12 For he who (Q)avenges blood is mindful of them;
he (R)does not forget the cry of the afflicted.
13 (S)Be gracious to me, O Lord!
See my affliction from those who hate me,
O you who lift me up from (T)the gates of death,
14 that I may recount all your praises,
that in the gates of (U)the daughter of Zion
I may (V)rejoice in your salvation.
15 The nations have sunk in (W)the pit that they made;
in (X)the net that they hid, their own foot has been caught.
16 The Lord has made himself (Y)known; he has executed judgment;
the wicked are snared in the work of their own hands. Higgaion.[d] Selah
18 For the needy shall not always be forgotten,
and (AB)the hope of the poor shall not perish forever.
19 (AC)Arise, O Lord! Let not (AD)man prevail;
let the nations be judged before you!
20 Put them in fear, O Lord!
Let the nations know that they are but (AE)men! Selah
Footnotes
- Psalm 9:1 Psalms 9 and 10 together follow an acrostic pattern, each stanza beginning with the successive letters of the Hebrew alphabet. In the Septuagint they form one psalm
- Psalm 9:1 Probably a musical or liturgical term
- Psalm 9:3 Or because of
- Psalm 9:16 Probably a musical or liturgical term
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
The ESV® Bible (The Holy Bible, English Standard Version®), © 2001 by Crossway, a publishing ministry of Good News Publishers. ESV Text Edition: 2025.
