Add parallel Print Page Options

Yesu bɔ mpae ma n’asuafo

17 Yesu kaa saa nsɛm yi wiei no, ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae se, “Agya, bere no adu. Hyɛ wo Ba no anuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam. Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a enni awiei. Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! Medaa w’anuonyam adi kyerɛɛ wɔ asase so na miwiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ. Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wɔ w’anim ansa na worebɔ wiase no hyɛ me wɔ w’anim ha.

“Mama nnipa a na anka wɔte wiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahu wo. Na wɔyɛ wo de na wode wɔn maa me. Wɔatie w’asɛm. Afei wɔahu sɛ biribiara a wode maa me no fi wo nkyɛn. Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wotiei. Wonim sɛ ɛyɛ nokware sɛ mifi wo nkyɛn na mebae. Na wogye di sɛ wo na wosomaa me.

“Mebɔ mpae ma wɔn. Memmɔ mpae mma wɔn a wonnye w’asɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpae ma wɔn, efisɛ, wɔyɛ wo de. 10 Biribiara a mewɔ no yɛ wo de na biribiara a wowɔ no nso yɛ me de. Ɛnam eyinom so ama manya anuonyam. 11 Na afei merefi wiase, na magyaw wɔn wɔ akyiri reba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛnea wo ne me yɛ baako no. 12 Bere a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara annyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a, Kyerɛwsɛm no bɛba mu.

13 “Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa bere a meda so wɔ wiase yi sɛnea ɛbɛyɛ a m’anigye bɛhyɛ wɔn ma. 14 Mekaa w’asɛm kyerɛɛ wɔn na wiasefo tan wɔn, efisɛ, womfi wiase sɛnea me nso mimfi wiase no. 15 Mimmisa wo sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban fi ɔbonsam nsam. 16 Sɛnea mimfi wiase no, saa ara nso na womfi wiase. 17 Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho, nyɛ wɔn kronkron. 18 Sɛnea wosomaa me baa wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ wiase. 19 Wɔn nti, mede me ho ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.

20 “Memmɔ mpae mma wɔn nko. Mebɔ mpae ma wɔn a wɔnam wɔn asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso. 21 Mebɔ mpae sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛnea wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara nso na ma wɔntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a, wiase begye adi sɛ, wo na wosomaa me.

22 “Mede anuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn nso, wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no. 23 Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa bɛyɛ baako na wiase ahu sɛ, wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.

24 “Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahu m’anuonyam, anuonyam a wode maa me no, efisɛ, wodɔ me ansa na wobɔɔ wiase.

25 “Agya kronkron, wiase nnim wo, nanso me de, minim wo; na asuafo yi nim sɛ wo na wosomaa me. 26 Mama wɔahu sɛnea wo te na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso, matena wɔn nso mu bi.”