Add parallel Print Page Options

Oguanhwɛfo pa no

10 “Mereka nokware akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nguandan kwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifo. Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no. Ɔpon no anohwɛfo no bue pon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi. Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di n’akyi, efisɛ, wɔte ne nne. Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, efisɛ, wɔnte ne nne.”

Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, mene nguandan no ano pon no. Wɔn a wodii m’anim kan no yɛ awifo ne adwotwafo ɛno nti, nguan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi. Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; obewura mu asan afi adi na obenya adidibea. 10 Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a ɛho nni asɛm biara.

11 “Mene Oguanhwɛfo pa no. Oguahwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan. 12 Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a, oguan gyaw nguan no hɔ na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ apete. 13 Ɔpaani no guan efisɛ, wɔabɔ no paa, na nguan no yiyedi mfa ne ho.

14 “Mene Oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me, 15 sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no. 16 Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so.

17 “Agya no dɔ me efisɛ, masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea m’agya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”

19 Asɛm a Yesu kae no nti ɛmaa mpaepaemu baa Yudafo no mu. 20 Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ hohommɔne! N’adwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?”

21 Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ hohommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ hohommɔne betumi ama anifuraefo ahu ade?”

Yudafo nnye Yesu nni

22 Ɔpɛ bere bi mu a Asɔredandwira dui wɔ Yerusalem no, 23 Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Solomon abrannaa no so hɔ. 24 Yudafo no betwaa ne ho hyiae kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnye me nni. Me nnwuma a menam m’agya tumi mu yɛ no di me ho adanse, 26 nanso munnye nni, efisɛ, monyɛ me nguan. 27 Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi m’akyi. 28 Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfi me nsam. 29 M’agya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfi me nsam. 30 Me ne Agya no yɛ baako.”

31 Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no.

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”

33 Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom w’abususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”

34 Yesu buaa wɔn se, “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’

35 ”Ɛno nti, sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a, 36 ɛyɛ dɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, mene Onyankopɔn Ba no a, muse waka abususɛm? 37 Sɛ menyɛ nnwuma a m’agya pɛ sɛ meyɛ no de a, ɛnne munnnye me nnni. 38 Nanso sɛ meyɛ m’agya no nnwuma na sɛ munnye me nni mpo a, munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.”

39 Nkurɔfo no pɛe sɛ wɔkyere no bio nanso wɔantumi. 40 Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. 41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.” 42 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii.