Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Read Scripture without ads. Study with fewer distractions with Bible Gateway Plus.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
One verse. Every morning. Sign up.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Yohane I 2  Nkwa Asem

Kristo, yɛn boafo

2 Me mma, merekyerɛw eyi abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔtreneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn. 2 Na Kristo no ankasa ne ɔkwan a yɛfa so nya yɛn bɔne fafiri na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.

3 Sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yenim no.

4 Sɛ obi ka se, “Minim no,” nanso onni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofo a nokware nni ne mu. 5 Na obiara a otie n’asɛm no yɛ obi a nokwarem, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no yɛ pɛ. Eyi na ɛma yɛte yɛn ho ase sɛ yɛte Onyankopɔn mu. 6 Ɛsɛ sɛ obiara a ɔka se ɔte Onyankopɔn mu no tena ase sɛ Yesu Kristo pɛpɛɛpɛ.

Mmara foforo

7 Anuanom, saa mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforo. Ɛyɛ mmara dedaw a moate fi mfitiase pɛɛ no. Mmara dedaw no yɛ ade a moate ho asɛm dedaw. 8 Nanso, mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi yɛ foforo na emu nokware no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Esum no retwam na hann papa no gu so rehyerɛn.

9 Obiara a ɔka se ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtan ne nua no wɔ sum mu besi saa dɔnhwerew yi mu. 10 Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforo ayɛ bɔne. 11 Nanso obiara a ɔtan ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a onnim faako a ɔrekɔ efisɛ, esum no afura n’ani.

12 Me mma, merekyerɛw mo efisɛ, esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne afiri mo. 13 Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ, munim nea ɔte ase fi mfiase no. Mmabun, merekyerɛw mo, efisɛ, moadi ɔbonsam so.

14 Mma, merekyerɛw mo, efisɛ, munim Agya no. Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ, munim nea ɔte ase fi mfiase no. Mmabun, merekyerɛw mo, efisɛ mowɔ ahoɔden. Onyankopɔn asɛm no te mo mu na moadi ɔbonsam so.

15 Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. 16 Biribiara a ɛyɛ wiase de, nea bɔne hwehwɛ, nea nnipa hunu na wɔpɛ, biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase. 17 Wiase ne mu nneɛma a ɛwɔ mu a nnipa hwehwɛ no retwam, nanso nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.

Kristo atamfo

18 Me mma, awiei no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo se Kristo Tamfo no bɛba, nanso mprempren, Kristo atamfo bebree ada wɔn ho adi enti yɛahu sɛ ampa awiei no abɛn. 19 Nokwarem, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno nti na wogyaw yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wogyaw yɛn hɔ sɛnea wobehu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.

20 Mo de, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokware no. 21 Ɛnyɛ sɛ munnim nokware no nti na makyerɛw saa krataa yi, na mmom munim na munim nso sɛ, atoro biara mfi nokware mu mma.

22 Afei, hena ne ɔtorofo? Ɛyɛ obi a ɔka se Yesu nyɛ Kristo no. Oyi ne Kristo tamfo. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. 23 Na nea ɔpo Ɔba no po Agya no; nea ogye Ɔba no, gye Agya no nso.

24 Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee mfiase no nsie mo koma mu. Sɛ mode asɛm a motee mfitiase no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no benya ayɔnkofa. 25 Na eyi na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a enni awiei no.

26 Mekyerɛw mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho. 27 Na mo de, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmere dodow a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforo bɛkyerɛkyerɛ mo. Efisɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na nea ɔkyerɛ no nso yɛ nokware; ɛnyɛ atoro. Muntie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.

28 Me mma, montena ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔba a, yebenya akokoduru na yɛmfa aniwu nkohintaw da a ɔbɛba no. 29 Munim sɛ Kristo yɛ ɔtreneeni. Na ɛsɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔyɛ ade trenee no yɛ Onyankopɔn ba.

Next
Yohane I 1
Yohane I 3
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway