Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
A new Bible Gateway experience is here. Spot something unexpected? Tell us what needs a closer look.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Verse of the Day by email. Sign up free.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Yohane Adiyisɛm 2  Nkwa Asem

Efeso asafo no nhoma

2 “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se: Eyi ne nsɛm a efi obi a okita nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a, ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no. 2 Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho asomafo nanso wɔnyɛ bi no ahwɛ na woahu sɛ wɔyɛ atorofo. 3 Wowɔ boasetɔ na me nti, woahu amane bebree, nanso wompaa abaw.

4 “Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛnea kan no na wodɔ me no. 5 Hu ba a woaba fam no. Tew wo ho fi bɔne ho na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfi wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibere.

6 “Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi.

7 “Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwa dua no a ɛwɔ Onyankopɔn turo no mu no aba no.

Smirna asafo no nhoma

8 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirna asafo no ano se: “Saa asɛm yi fi obi a odi kan ne nea otwa to nkyɛn. Ɔno na owui na onyanee no.’

9 “Minim amane a wuhu maa Awurade na minim w’ahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ soro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam ampamfo. 10 Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi dadu. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.

11 “Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.”

Pergamo asafo no nhoma

12 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se;

“Saa krataa yi fi obi a ɔwɔ nkrante anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn. 13 Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.

14 “Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. 15 Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi.

16 “Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn mede sekan a efi m’anom no abɛko atia saa nnipa no.

17 “Sɛ mowɔ aso a, muntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo horow no.

“Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.”

Tiatira asafo no nhoma

18 “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se: “Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a n’ani dɛw sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowa no nkyɛn.

19 “Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no.

20 “Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi m’asomfo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom nnuan. 21 Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi n’aguamammɔ mu. 22 Ɛno nti, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye. Sɛ wɔansesa amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛyɛ saa mprempren ara. 23 Afei, mekum n’akyidifo no, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.

24 “Nanso mo a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo se, meremfa adesoa biara nto mo so. 25 Na munso nea mowɔ no mu dennen kosi sɛ mɛba.

26 “Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii 27 m’Agya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku. 28 Afei mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.

29 “Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no.”

Next
Yohane Adiyisɛm 1
Yohane Adiyisɛm 3
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway