Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Start your day in Scripture. Get the Verse of the Day by email.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
New Bible Gateway. Take the quick tour.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Yohane Adiyisɛm 16  Nkwa Asem

16 Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Kɔ na kohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason mu no gu asase so.”

2 Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa no mu guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso.

3 Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no mu guu ɛpo mu. Nsu no danee te sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui.

4 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa no mu guu nsuti mu maa ne nyinaa danee mogya. 5 Metee sɛ ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no ka se, “O Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dedaw, w’atɛn a wubui no yɛ atɛntrenee. 6 Wohwiee Onyankopɔn nkurɔfo ne adiyifo mogya gui, enti woama wɔn mogya sɛ wɔnnom. Nea ɛfata wɔn na wɔrenya no.”

7 Afei metee nne bi wɔ afɔremuka no so se, “Awurade, Otumfoɔ Nyankopɔn! Atɛn a wubu nyinaa yɛ atɛntrenee!”

8 Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa no mu guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔmfa ne hyew yawyaw no nhye nnipa. 9 Ɔhyew yawyaw no hyee nnipa ma wɔdomee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔannu wɔn ho ankamfo ne kɛseyɛ.

10 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no mu de guu aboa no ahengua no so. Esum duruu aboa no ahemman mu, na esiane yaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma, 11 na esiane saa yaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.

12 Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa no mu guu asubɔnten Eufrate mu. Asu no yoyowee na ɛdan ɔkwan maa ahene a wofi apuei. 13 Afei mihuu ahohommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro odiyifo no anom. 14 Wɔyɛ ahohommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahohom abiɛsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfoɔ Nyankopɔn ɔko da kɛse no.

15 “Muntie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so sɛnea ɔrennantew adagyaw, ngu ne ho anim ase wɔ baguam!”

16 Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu wɔfrɛ hɔ Harmagedon.

17 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no kae se, “Wɔawie.” 18 Na anyinam tetew maa aprannaa paepaee, ɛnna asasewosow dennen bi bae. Efi sɛ wɔbɔɔ onipa, asasewosow biara maa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano yɛ den pa ara. 19 Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilon kɛse no ma ɔnom nsa, nsa a ɛyɛ n’abufuw a ano yɛ den no, fi ne kuruwa ano. 20 Nsupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae. 21 Amparuwbo a biara mu duru yɛ nkaribo ɔha no tɔ fi soro guu nnipa so. Na esiane amparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.

Next
Yohane Adiyisɛm 15
Yohane Adiyisɛm 17
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway