Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Understand more as you read. Go deeper with Bible Gateway Plus.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Understand more as you read. Try Bible Gateway Plus.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Yohane 19  Nkwa Asem

19 Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. 2 Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw de hyɛɛ Yesu; afei wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. 3 Wodii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotɔre, kae se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”

4 Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” 5 Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwene ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!”

6 Bere a asɔfo mpanyin ne awɛmfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛm se, “Bɔ no asɛnnua! Bɔ no asɛnnuam!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnuam, efisɛ, minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”

7 Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ owu, efisɛ, ɔkae se, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”

8 Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye. 9 Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no.

10 Pilato bisaa no se, “Woremmua me anaa? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asɛnnuam!”

11 Yesu buaa no se, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”

12 Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛm se, “Sɛ wugyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔbɛka se ɔyɛ ɔhene no, yɛ Kaesare tamfo!”

13 Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔkɔtenaa n’ahengua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Sɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.” 14 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no, Pilato ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Mo hene no ni!”

15 Ɛdɔm no nso teɛteɛɛm bio se, “Kum no! Kum no! Bɔ no asɛnnuam!” Pilato bisaa wɔn se, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asɛnnuam anaa?” Asɔfo mpanyin no kae se, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!” 16 Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnuam.

Wɔbɔ Yesu asɛnnuam

17 Enti wɔde Yesu a n’asɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ se, “Nitiriso” hɔ, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota.” 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnuam kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfinimfini. 19 Pilato kyerɛwee se, “YESU NASARETNI, YUDAFO HENE,” ma wɔde taree n’asɛnnua no atifi.

20 Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee.

21 Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkae se, mene Yudafo hene!’ “

22 Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”

23 Asraafo no bɔɔ Yesu asɛnnuam wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa ɔsraani biara faa mu baako ma ɛkaa n’atade nhyɛase. Na saa atade no yɛ atade bi a, wɔanwene fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee. 24 Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.” Ade a wɔyɛe yi sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Wɔkyekyɛɛ me ntade mu, bɔɔ so ntonto fae’ no bɛba mu. Nea asraafo no yɛe ne no.

25 Nnipa a na wogyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria, a ɔyɛ Klopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Ɔbea, wo ba ni.”

27 Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, “Wo na ni.” Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.

Yesu wu

28 Saa bere no, Yesu hui sɛ afei de biribiara aba n’awiei, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.” 29 Wɔde sapɔw a etua hisope ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa n’ano.

30 Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiei no, osii ne ti ase na ogyaa mu.

31 Na ahosiesie da no adu a n’adekyee so wobedi Twam Afahyɛ no. Saa da no ara nso ɛyɛ Homeda. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so nti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no nan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asɛnnua no so. 32 Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnuam ho no nan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso nan. 33 Nanso woduu Yesu so no, wohui sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammubu ne nan bi. 34 Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fi ne mfe mu bae. 35 Onipa a ohuu nea esii yi no, na wadi ho adanse. N’adanse no yɛ nokware. Onim sɛ nea ɔka no yɛ nokware. Odi adanse sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi. 36 , 37 Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi” ne “Nnipa bɛhwɛ onipa a wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu.

Wosie Yesu

38 Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoam no kɔsrɛɛ Pilato se ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee n’adesrɛ no so, ɛno nti, okoyii Yesu amu no. 39 Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de krobow ne aduhuam mfrafrae bɛyɛ nkaribo ɔha bae. 40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no. 41 Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛwɔ baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam no. 42 Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ.

Next
Yohane 18
Yohane 20
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway