Add parallel Print Page Options

Ma Kristo ahoɔden nhyɛ wo den

Na wo, me ba, ɛnam adom a ama yɛne Kristo Yesu ayɛ baako no nti, yɛ den. Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansedifo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso.

Sɛ amanehunu ba wo so a, mia w’ani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa. Obi a odi sraa no mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panyin ani. Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so. Okuafo a wadɔw n’afuw no, ɛsɛ sɛ onya mu nnɔbae a edi kan no. Dwen nsɛm a mereka yi ho efisɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase.

Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyanee no fii awufo mu sɛnea wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.

Esiane sɛ meka Asɛmpa no nti, mihu amane; mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfo. Nanso Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔsɔn mu; 10 na eyi nti biribiara a ɛbɛba me so no, esiane onyankopɔn nnipa a wɔayi wɔn no nri migyina ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no.

11 Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni. “Sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtena ase. 12 Sɛ yetumi tena ase a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. 13 Sɛ yɛnyɛ nokwafo a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo efisɛ, ɔrentumi ntwa ne ho nkontompo.”

Nnye akyinnyehunu

14 Monkae mo nkurɔfo wɔ eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wonnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefo no adwene. 15 Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfo a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho na wokyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata n’anim. 16 Twe wo ho fi nsenhuhu a ɛho ntew ho efisɛ, ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho. 17 Nea wɔkyerɛ no te sɛ akisikuru a edidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. 18 Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ gyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene.

19 Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no efisɛ, wɔakyerɛw saa nsɛm yi wɔ so: “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na “Obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” 20 Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso daa wɔde di dwuma. 21 Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi.

22 Tew wo ho fi mmerantebere mu nneɛma ho na tiw nneɛma a ɛho tew akyi na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.

23 Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnye a ɛmfa hwee mma no mu efisɛ, ɛde akasakasa ba. 24 Ɛnsɛ sɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso, 25 a sɛ wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene na wɔahu nokware no. 26 Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyere wɔn ama wɔyɛ n’apɛde no afiri mu.

The Appeal Renewed

You then, my son,(A) be strong(B) in the grace that is in Christ Jesus. And the things you have heard me say(C) in the presence of many witnesses(D) entrust to reliable people who will also be qualified to teach others. Join with me in suffering,(E) like a good soldier(F) of Christ Jesus. No one serving as a soldier gets entangled in civilian affairs, but rather tries to please his commanding officer. Similarly, anyone who competes as an athlete does not receive the victor’s crown(G) except by competing according to the rules. The hardworking farmer should be the first to receive a share of the crops.(H) Reflect on what I am saying, for the Lord will give you insight into all this.

Remember Jesus Christ, raised from the dead,(I) descended from David.(J) This is my gospel,(K) for which I am suffering(L) even to the point of being chained(M) like a criminal. But God’s word(N) is not chained. 10 Therefore I endure everything(O) for the sake of the elect,(P) that they too may obtain the salvation(Q) that is in Christ Jesus, with eternal glory.(R)

11 Here is a trustworthy saying:(S)

If we died with him,
    we will also live with him;(T)
12 if we endure,
    we will also reign with him.(U)
If we disown him,
    he will also disown us;(V)
13 if we are faithless,
    he remains faithful,(W)
    for he cannot disown himself.

Dealing With False Teachers

14 Keep reminding God’s people of these things. Warn them before God against quarreling about words;(X) it is of no value, and only ruins those who listen. 15 Do your best to present yourself to God as one approved, a worker who does not need to be ashamed and who correctly handles the word of truth.(Y) 16 Avoid godless chatter,(Z) because those who indulge in it will become more and more ungodly. 17 Their teaching will spread like gangrene. Among them are Hymenaeus(AA) and Philetus, 18 who have departed from the truth. They say that the resurrection has already taken place,(AB) and they destroy the faith of some.(AC) 19 Nevertheless, God’s solid foundation stands firm,(AD) sealed with this inscription: “The Lord knows those who are his,”(AE) and, “Everyone who confesses the name of the Lord(AF) must turn away from wickedness.”

20 In a large house there are articles not only of gold and silver, but also of wood and clay; some are for special purposes and some for common use.(AG) 21 Those who cleanse themselves from the latter will be instruments for special purposes, made holy, useful to the Master and prepared to do any good work.(AH)

22 Flee the evil desires of youth and pursue righteousness, faith, love(AI) and peace, along with those who call on the Lord(AJ) out of a pure heart.(AK) 23 Don’t have anything to do with foolish and stupid arguments, because you know they produce quarrels.(AL) 24 And the Lord’s servant must not be quarrelsome but must be kind to everyone, able to teach, not resentful.(AM) 25 Opponents must be gently instructed, in the hope that God will grant them repentance leading them to a knowledge of the truth,(AN) 26 and that they will come to their senses and escape from the trap of the devil,(AO) who has taken them captive to do his will.