Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Finding your way around? See how the new Bible Gateway works. Take the tour.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Read Scripture without ads. Try Bible Gateway Plus.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Timoteo I 5  Nkwa Asem

5 Nkasa ntia akwakoraa na mmom kɔka w’ahiasɛm kyerɛ no sɛ w’agya. Fa kronnyɛ ne mmabun ntena sɛ wo nnuammarima nkummaa, 2 na fa mmea mpanyimfo sɛ ɛnanom na mmabaa nso, fa wɔn sɛ wo nnuammea wɔ kronnyɛ mu.

3 Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa ara no ni. 4 Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne nananom ka efisɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

5 Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de n’anidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa. 6 Nanso sɛ okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu. 7 Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso.

8 Na sɛ obi nhwɛ ne fifo ne titiriw no, ɔno ara n’abusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.

9 Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ waware prɛko pɛ, 10 na afei wagye din wɔ nneyɛe pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho wɔ ne fi na ɔhohoroo Onyankopɔn nan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa yɛ.

11 Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ, sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho 12 na ɛma wodi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan so. 13 Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere kɔ afi afi mu na nea enye koraa ne sɛ, wodi nseku yɛ pɛrepɛre ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. 14 Enti me pɛ ne sɛ, akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn. 15 Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw.

16 Sɛ ɔbea gyidifo bi wɔ akunafo wɔ n’abusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no.

Hwɛ a wɔhwɛ asɛmpakafo yiye

17 Mpanyimfo a wɔyɛ nnwuma pa sɛ akannifo no, ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho ma wɔn akatua abien; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso. 18 Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!” Bio, “Odwumayɛfo akatua fata no!”

19 Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no gye sɛ adansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto w’anim. 20 Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim baguam na abɔ afoforo hu.

21 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu. 22 Sɛ ehia sɛ wode wo nsa gu obi so wɔ Awurade dwumadi no mu a, mpepere ho. Twe wo ho fi bɔne a afoforo yɛ ho na ma wo ho ntew.

23 Nnom nsu nko ara na mmom ɛyɛ wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom nsa kakra.

24 Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmu mu; nanso afoforo bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyiri yi. 25 Saa ara nso na nneyɛe pa yɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw.

Next
Timoteo I 4
Timoteo I 6
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway