Font Size
Romafo 5:1-5
Nkwa Asem
Romafo 5:1-5
Nkwa Asem
Onyankopɔn asomdwoe
5 Afei a wɔnam gyidi so ama yɛasɔ Onyankopɔn ani no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe. 2 Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye wɔ anidaso mu sɛ yebenya Onyankopɔn anim anuonyam.
3 Afei yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, efisɛ, yenim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, 4 na boasetɔ de osuahu ba, ɛna osuahu de anidaso ba. 5 Saa anidaso yi renni yɛn hwammɔ, efisɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ n’akyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu.
Read full chapter
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.