Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Study Bibles + commentaries + Scripture = deeper understanding. Explore Bible Gateway Plus.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
We’ve made some updates. Have feedback?
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Romafo 6  Nkwa Asem

Kristo mu ayɔnkofa

6 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn adom bɛdɔɔso anaa?

2 Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu?

3 Ɛyɛ nokware sɛ munim eyi. Bere a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu. 4 Enti yɛn asubɔ no kyerɛ sɛ, wosiesiee yɛne no na yɛne no na ewui sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam agya no tumi a anuonyam wɔ mu no so nyanee no fii awufu mu no bɛma yɛatena asetena foforo mu.

5 Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ne wu mu sɛnea ɔyɛe no a, wɔbɛfa saa kwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu na yɛne no ayɛ baako. 6 Na yenim eyi; wɔakum Kristo ne yɛn nipa dedaw no wɔ asennua no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe bɔne tumi no, na bɔne nkoa a yɛyɛ no to atwa. 7 Efisɛ, sɛ onipa wu a, na wɔatew no afi bɔne tumi ase. 8 Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi sɛ yɛne no bɛtena. 9 Efisɛ, yenim sɛ wɔanyan Kristo afi owu mu na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio. 10 Owu a owui no yɛ owuprɛko a owu maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn. 11 Ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne saa kwan koro no ara so na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.

12 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne. 13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mugyaa mo ho baabiara ma bɔne ma wogyina so de yɛ amumɔyɛde. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu, na momfa mo ho nyinaa mma no na ɔmfa mo nyɛ nnwuma pa. 14 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so. Monhyɛ Mmara ase na mmom mohyɛ Onyankopɔn adom ase.

Trenee nkoa

15 Dɛn ade bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ Mmara ase na yɛhyɛ Onyankopɔn adom mu no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaa? Dabida!

16 Ɛyɛ asɛm a ɛda hɔ pefee sɛ, sɛ mode mo ho ma obi sɛ ne nkoa na mutie no a, ɛyɛ nokware pefee sɛ moyɛ saa onipa a mutie no no nkoa, ebia na ɛyɛ bɔne a ɛde owu ba anaasɛ ɛyɛ osetie a ɛnam so ma mofata Onyankopɔn anim. 17 Nanso yɛda Onyankopɔn ase! Efisɛ, bere ɛbi a atwam no, na moyɛ bɔne nkoa na mode mo koma nyinaa tiee nokware a ɛwɔ nkyerɛkyerɛ a wɔkyerɛkyerɛɛ mo no mu. 18 Wogyee mo fii bɔne mu ma mobɛyɛɛ trenee nkoa. Esiane mmerɛw a moyɛ nti, meka mo nsɛm a ɛnyɛ den.

19 Na afei mo honam mmerɛw a moyɛ nti, mekasa nipa su mu kyerɛ mo. Mmere bi mode mo ho nyinaa mae sɛ afide ne amumɔyɛsɛm nkoa nam so yɛɛ amumɔyɛ. Saa kwan koro no ara so na ɛsɛ sɛ mofa gyaa mo ho nyinaa ma sɛ trenee nkoa, gyina so yɛ nneɛma a ɛho tew.

20 Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na mode mo ho wɔ trenee ho. 21 Moyɛɛ nneɛma a afei de mo ani wu ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea etwaa so ne owu. 22 Nanso, mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a ɛwɔ mu ne sɛ, mode mo abrabɔ nyinaa ato ne so no. Na nea edi akyiri ne nkwa a enni awiei. 23 Bɔne tua ne ho ka a ɛyɛ owu. Na Onyankopɔn akyɛde a ɔde ma kwa no yɛ nkwa a enni awiei a, ɛnam so ma mo ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no yɛ baako no.

Next
Romafo 5
Romafo 7
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway