Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
A new Bible Gateway experience is here. Spot something unexpected? Tell us what needs a closer look.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Read Scripture without ads. Try Bible Gateway Plus.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Romafo 2  Nkwa Asem

Asotwe wɔ hɔ

2 Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa kwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ, bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi. 2 Yenim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a na ne kwan so ara nen. 3 Na wo, m’adamfo, wo nso wubu afoforo atɛn wɔ nneɛma koro no ara a woyɛ bi no ho. Wususuw sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? Anaasɛ ebia, wummu n’ayamye, n’abodwokyɛre ne ne boasetɔ. 4 Ɛyɛ nokware sɛ wunim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo. Efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho.

5 Nanso wowɔ koma a apirim. Ɛno nti, da a Onyankopɔn bɛda n’abufuw ne n’atemmu adi no, wo ara wobɛma asotwe a wɔde bɛtwe wo no mu ayɛ den. 6 Nea obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7 Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. 8 Nnipa bi yɛ pɛsɛmenkominya a wɔpo ade trenee kodi ade bɔne akyi; saa nnipa no, Onyankopɔn de n’abufuwhyew bɛba wɔn so. 9 Yudafo ne Amanamanmufo a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow. 10 Nanso wɔn a wotie no no, sɛ wɔyɛ Yudafo anaa Amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn. 11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ n’atemmu mu. 12 Wɔn a wonnim Mmara no na wɔyɛ bɔne no, bewu a wɔnkae Mmara no nka wɔn ho asɛm, na wɔn a wonim Mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam Mmara no so bebu wɔn atɛn.

13 Ɛnyɛ sɛ wotee Mmara no ara no, na woyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛsɛ sɛ woyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ woyɛ. 14 Amanamanmufo no nni Mmara nanso wofi wɔn pɛ mu yɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ; ɛwom sɛ wonni Mmara no so de, nanso wɔn ankasa fa wɔn ho wɔn ho sɛ Mmara. 15 Wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, nea Mmara no hwehwɛ no, wɔ wɔn koma mu. Esiane sɛ ɛtɔ da bi a wɔn adwene tia wɔn na ɛtɔ da bi nso a egye wɔn no nti, ɛma ɛda adi sɛ ɛyɛ nokware. 16 Enti Asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm atɛn.

17 Mo Yudafo de, mususuw sɛ mo ne Onyankopɔn te no yiye so, efisɛ, ɔde ne Mmara a monam so benya nkwagye no maa mo. Na moka no mo ano fafa so nso se, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. 18 Munim nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afi Mmara no mu ahu nea eye. 19 Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfo ma anifuraefo, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte sum mu. 20 Mugye di sɛ mubetumi akyerɛ adwenemharefo ne mmofra Onyankopɔn akwan, efisɛ, nokwarem, munim ne Mmara a osuahu ne nokware ahyɛ no ma no.

21 Mokyerɛkyerɛ afoforo na adɛn nti na muntumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforo se wɔmmmɔ korɔn. Mobɔ korɔn no bi anaa? 22 Moka se aguamammɔ nye. Mobɔ aguaman no bi anaa? Moka se, monnsom ahoni, na momfa ahoni ho mpɛ sika?

23 Mohoahoa mo ho yiye se munim Onyankopɔn Mmara no nanso monam Mmara no so bu so, bu no animtia. 24 Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwsɛm no ka se mo nti, wiasefo kasa tia Onyankopɔn.

25 Sɛ woyɛ Yudani na wudi Onyankopɔn Mmara no so a, ɛyɛ ade a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonoe biara nni mo ne abosonsomfo ntam. 26 Sɛ abosonsomfo di Onyankopɔn Mmara so a, munnye nni sɛ ɔde nea ɛfata ne anuonyam a ɛfata a wabɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma Yudafo no bɛma wɔn? 27 Sɛ ɛba saa a, abosonsomfo no bɛkasa atia mo, agu mo, Yudafo a munim Onyankopɔn ho nsɛm no na wahyɛ mo bɔ nanso munni ne Mmara so no anim ase .

28 Fa a wɔde mo afa Yudasom mu atwa mo twetia, anaasɛ Yudafo na wɔwoo mo no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafo kann. 29 Yudani kann no ne onipa a ne koma mu tew wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn nhwɛ twetiatwa ho na mmom ɔhwɛ wɔn a wɔn adwene ne wɔn koma asesa. Obiara a ɔwɔ saa adwensakra abrabɔ mu no, sɛ moankamfo no koraa a, Onyankopɔn bɛhyɛ no anuonyam.

Next
Romafo 1
Romafo 3
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway