Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Welcome to the new Bible Gateway. Take a quick tour and see what’s new.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
We’ve made some updates. Have feedback?
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Romafo 13  Nkwa Asem

Brɛ wo ho ase ma tumi

13 Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ, tumi biara nni hɔ a emfi Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no fi Onyankopɔn. 2 Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asi no, tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba n’ankasa ara so. 3 Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfo na mmom wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ no na wosuro atumfo. Wopɛ sɛ woyɛ obi a nea tumi wɔ ne nsam no suro wo anaa? Ɛnne di asɛm pa na wɔbɛkamfo wo. 4 Efisɛ, ɔyɛ Onyankopɔn somfo a wo yiyedi mu nti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no efisɛ, ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo enti ɔnam Onyankopɔn abufuw so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. 5 Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuw no nti, na mmom, esiane onim a wunim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no nti.

6 Eyi nti na ɛsɛ sɛ wutua tow, efisɛ, sɛ atumfo no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. 7 Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa.

Asɛde

8 Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforo. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no, adi mmara no so. 9 Mmaransɛm a ɛka se, “Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma w’ani mmere,” eyinom ne nea ɛkeka ho nyinaa tiaatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 10 Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no, nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so. 11 Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi, efisɛ, wunim dɔn ko a wowɔ mu. Bere adu sɛ wosɔre fi wo nna mu. Efisɛ, bere a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa no abɛn sen bere a yegye dii kan no. 12 Adesae retwam, na adekyee reyɛ abɛn yɛn. Enti momma yennyae nneɛma a ɛyɛ sum de no yɛ na momfa akode a wɔde ko hann mu no. 13 Momma yɛmmɔ yɛn bra yiye te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa asabow, aguamammɔ anaa ahohwi, ɔko anaa anibere nni mu. 14 Fa Awurade Yesu Kristo akode no na munnyae mo su bɔne no.

Next
Romafo 12
Romafo 14
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway