Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
One verse. Every morning. Get the free Verse of the Day email.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Verse of the Day by email. Sign up free.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Romafo 12  Nkwa Asem

Okristoni abrabɔ

12 Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ musom. 2 Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ n’ani, ne nea ewie pɛyɛ.

3 Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka mekyerɛ mo nyinaa se, munnnwen mo ho mma ɛmmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ mudwen, na mmom munnwen ahobrɛase mu na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so mmu ne ho atɛn. 4 Yɛwɔ akwaa bebree wɔ nnipa dua baako ho. Saa akwaa yi biara wɔ dwuma a edi. 5 Saa ara na ɛte. Ɛwom sɛ yɛdɔɔso de nanso yɛyɛ honam koro a yɛne Kristo ayɛ baako na yɛn nyinaa keka yɛn ho bobom sɛ nipadua baako ho akwaa.

6 Enti ɛsɛ sɛ yɛnam adom a Onyankopɔn de adom yɛn no so de yɛn akyɛde ahorow no di dwuma. Sɛ yɛn adom no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛnam gyidi a yɛwɔ no so di saa dwuma no. 7 Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ɛsɛ sɛ yɛsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ. 8 Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nea obiara wɔ a ɛsɛ sɛ ɔma afoforo nya bi no ɛsɛ sɛ ofi koma pa mu yɛ saa; obiara a ɔwɔ tumi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsi; obiara a ɔyɛ ayamye ma afoforo no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no anigye so.

9 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokware turodoo. Munkyi amumɔyɛ. Munso ade pa yɛ mu. 10 Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu na munni mo ho mo ho ni. 11 Monyɛ nsi na monnyɛ anihaw. Momfa koma pa nsom Awurade.

12 Momma mo anidaso nkanyan mo. Amane mu monyɛ komm na bere biara mu mommɔ mpae. 13 Momma mo nuanom ahiafo mo ahode a mowɔ no bi na munnye ahɔho wɔ mo afi mu.

14 Monsrɛ Onyankopɔn na onhyira wɔn a wɔtaa mo no; yiw, monsrɛ no na onhyira wɔn na monnsrɛ no mma ɔnnnome wɔn. 15 Mo ne anigyefo ani nnye na mo ne awerɛhowfo werɛ nhow. 16 Munhu mma mo ho mo ho. Monnyɛ ahantan. Afei mommpɛ animhwɛ wɔ nnipa atitiriw mu na mmom momfa mo ho mfra mpapahwekwa. Munnnwen sɛ moyɛ anyansafo.

17 Sɛ obi yɛ mo bɔne a, mommfa bɔne nntua no so ka. Nea nnipa nyinaa susuw sɛ eye no, ɛno na monyɛ. 18 Biribiara a mugye di sɛ moyɛ a ɛbɛma mo ne nnipa nyinaa atena ase asomdwoe mu no, ɛno na monyɛ.

19 Me nnamfonom, munntua bɔne so ka. Na mmom momma Onyankopɔn abufuw nyɛ saa. Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Metua bɔne so ka, metua ka, Awurade na ose.” 20 Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni. Sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansrama ano gu n’atifi.” 21 Mommma bɔne nnni mo so. Mmom, momma papa nni mo so.

Next
Romafo 11
Romafo 13
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway