Romafo 8:18-25
Nkwa Asem
Daakye anuonyam
18 Minim sɛ anuonyam a yebenya daakye no bɛso asen amane a yɛrehu saa bere yi mu no. 19 Abɔde nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan. 20 Na wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔde fɔ sɛ ɛnnan ade hunu a emfi abɔde no tumi mu, nanso na saa anidaso yi wɔ hɔ, 21 sɛ da bi abɔde no bɛde ne ho afi nkoayɛ ne porɔwee mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadi mu anuonyam.
22 Yenim sɛ ebesi saa bere yi abɔde nyinaa pene sɛ ɔpemfo a awo aka no. 23 Nanso ɛnyɛ abɔde nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛde no nso si apini bere a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma na wama yɛade yɛn ho no.
24 Na wɔnam saa anidaso yi so na agye yɛn nkwa. Sɛ yehu nea yɛn ani da so no de a, na ɛnyɛ anidaso pa. Na hena na n’ani tumi da ade a ohu so. 25 Na sɛ yɛn ani da ade a yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.
Read full chapterAkuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.