Font Size
Yohane Adiyisɛm 13:14-15
Nkwa Asem
Yohane Adiyisɛm 13:14-15
Nkwa Asem
14 Na ɔnam anwonwade a wɔmaa no ho kwan yɛe wɔ aboa a odi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa se, wonsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde nkrante piraa no nanso n’apirakuru no awu na ɔte ase no anuonyam. 15 Wɔmaa aboa a ɔto so abien no kwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kan ohoni no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no.
Read full chapter
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.