Add parallel Print Page Options

Atoro adiyifo

Atoro adiyifo kɔɔ tetefo no mu, na saa ara nso na atoro adiyifo bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a nokware nni mu na wɔapa Owura a ogyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛe aba wɔn so prɛko pɛ. Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na esiane nea wɔyɛ no nti, nnipa bɛkasa atia nokware kwan no.

Saa atoro adiyifo yi nam wɔn sikanibere so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo ho mfaso.Wɔn temmufo siesiee ne ho akyɛ na saa ara nso na wɔn sɛefo no nso asɔre agyina. Onyankopɔn amfa abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛ wɔn. Ɔtow wɔn guu asaman sum mu baabi guu wɔn nkɔnsɔnkɔsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn Atemmu da no. Onyankopɔn amma tete wiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyiri baa wɔn a wɔannye asɛm no anni no so. Wɔn a ogyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa trenee ho asɛm no ne nnipa baasɔn bi. Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no kɔkɔ.

Ogyee Lot a ɔyɛ ɔtreneeni no fii nnipa nnebɔneyɛfo nsam. Na saa ɔtreneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfo no mu na afide a na saa nnipa no yɛ no adekyee ne adesae no haw no yiye. Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn nim ɔkwan a ɔfa so gye n’akyidifo fi ɔhaw mu, ɛnna onim ɔkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfo, twe wɔn aso de twɛn Atemmu da no 10 ne titiriw no, wɔn a wodi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no. Saa atoro akyerɛkyerɛfo yi wɔ akokoduru na wommu anuonyamfo a wɔwɔ soro no, efisɛ, wɔtew wɔn atua. 11 Na abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sen saa atoro akyerɛkyerɛfo yi mpo nkasa wɔn kasa bɔne wɔ Awurade anim.

12 Nanso saa nnipa yi fi wɔn adwene a wonni mu te sɛ nkekaboa a wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn no gu nneɛma a wɔntee ase no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ nkekaboa.

13 Ɔhaw a wɔma ɛbae no, wobetua wɔn so ka. Nea wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara awia ketee a ebeye ama wɔn honam akɔnnɔ. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, egu wɔn anim ase. Efisɛ, saa bere no na wɔka nnaadaasɛm. 14 Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmea aguamanfo efisɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛw kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn koma ama anibere. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. 15 Wɔaman afi ɔkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɔkwan a Beor ba Bileam a ne sika a onya ɔde yɛ bɔne no kɔfaa so no so. 16 Eyi ma wɔkaa n’anim wɔ ne bɔne no ho. N’afurum de onipa nne kasae de siw odiyifo no abɔdamsɛm no ho kwan.

17 Saa nnipa yi te sɛ asuti a awew anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie esum kabii mu wɔ baabi. 18 Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔsɛm so twetwe wɔn a wɔpɛ sɛ woguan fi wɔn a wɔte bɔne mu no ho no.

19 Wɔhyɛ wɔn ahofadi ho bɔ wɔ bere a wɔn ankasa wɔyɛ bɔne nkoa efisɛ, onipa yɛ akoa ma biribiara a edi ne so no. 20 Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho nsɛm, na ɔnam so guan fi wiase yi mu akwammɔne so, na akyiri yi ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdan bɔne akoa a, ɛnne ɛyɛ hu sen ne kan no. 21 Sɛ wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen sɛ wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara kronkron a wɔde maa wɔn no. 22 Nea ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nokware. “Ɔkraman san kɔtaforo ne fe ɛnna ɔprako a wɔaguare no no nso kɔyantam wɔ atɛkyɛ mu.”