Add parallel Print Page Options

Ɔyerenom ne okununom

Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi, efisɛ, wobehu sɛ obu ne nidi wɔ mo suban mu.

Mommfa nneɛma foforo bi nnkeka mo ho mma mo ho nnyɛ fɛ; sɛ ɛyɛ ɔkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinni a mode siesie mo ho, anaa ntama a mufura. Ahoɔfɛ yɛ komamutew. Ɛno na ɛyɛ ahoɔfɛ a edwo na ɛwɔ honhom a ɛyɛ dinn a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Saa kwan yi so na mmea gyidifo a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ.

Sara yɛɛ saa ara. Otiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Sɛ moyɛ papa na munsuro hwee a, mprempren moyɛ ne mmabea.

Mo okununom nso saa ara na ɛsɛ sɛ mudwen mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa nidi mma wɔn na munhu mmerɛw a wɔyɛ na munhu sɛ wɔne mo yɛ adedifo, na biribi ansiw mo mpaebɔ kwan.

Papayɛ so amanehunu

Mo nyinaa montena ase asomdwoe mu. Munnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔbɔ, na mommrɛ mo ho ase. Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, na mommfa ɔyaw nso nntua ɔyaw so ka. Na mmom daa, munhyirahyira, efisɛ, ɛno nti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira.

10 Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yiye na ohu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa. 11 Ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho fi bɔne ho na ɔyɛ papa, na otiw asomdwoe akyi na odi akyi. 12 Efisɛ, Awurade ani wɔ atreneefo so na otie wɔn mpaebɔ na otia wɔn a wɔyɛ bɔne.”

13 Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, hena na ɔbɛhaw wo? 14 Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ nea ɛteɛ na wuhu ho amane a, w’ani gye. Munnsuro nnipa, na mommma hwee nnhaw mo. 15 Momfa nidi mma Kristo wɔ mo koma mu, na monyɛ no mo Awurade. Bere biara a obi bebisa mo gyidi a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no ase. 16 Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛnea ɛba sɛ wɔyeyaw mo a, wɔn a wɔyeyaw mo sɛ moyɛ Kristo akyidifo no anim begu ase wɔ yeyaw a wɔyeyaw mo no ho. 17 Efisɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mubehu amane a, eye sɛ mubehu ade trenee a moyɛe ho amane sen sɛ mobɛyɛ bɔne.

18 Efisɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Owuu pɛn koro maa mo bɔne ne onipa trenee ne onipa bɔne sɛnea ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu, 19 na ne honhom tebea mu no, ɔkɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. 20 Eyinom yɛ ahonhom a na wonnye Onyankopɔn nni, enti ɔtɔɔ ne bo ase twɛn bere a na Noa resen ne hyɛn no. Wɔnam nsu no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa. 21 Eyi kyerɛ yɛn asubɔ ho kwan; na ɛno na egye mo nkwa mpremprem no. Ɛnyɛ honam ani fi hohoro na mmom, ɛyɛ bɔ a Onyankopɔn fi adwene pa mu ahyɛ. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa. 22 Ɔno na ɔkɔ soro na ɔte Onyankopɔn nifa so na odi abɔfo nyinaa ne soro atumfo ne wɔn tumi so.

Wives, in the same way submit yourselves(A) to your own husbands(B) so that, if any of them do not believe the word, they may be won over(C) without words by the behavior of their wives, when they see the purity and reverence of your lives. Your beauty should not come from outward adornment, such as elaborate hairstyles and the wearing of gold jewelry or fine clothes.(D) Rather, it should be that of your inner self,(E) the unfading beauty of a gentle and quiet spirit, which is of great worth in God’s sight.(F) For this is the way the holy women of the past who put their hope in God(G) used to adorn themselves.(H) They submitted themselves to their own husbands, like Sarah, who obeyed Abraham and called him her lord.(I) You are her daughters if you do what is right and do not give way to fear.

Husbands,(J) in the same way be considerate as you live with your wives, and treat them with respect as the weaker partner and as heirs with you of the gracious gift of life, so that nothing will hinder your prayers.

Suffering for Doing Good

Finally, all of you, be like-minded,(K) be sympathetic, love one another,(L) be compassionate and humble.(M) Do not repay evil with evil(N) or insult with insult.(O) On the contrary, repay evil with blessing,(P) because to this(Q) you were called(R) so that you may inherit a blessing.(S) 10 For,

“Whoever would love life
    and see good days
must keep their tongue from evil
    and their lips from deceitful speech.
11 They must turn from evil and do good;
    they must seek peace and pursue it.
12 For the eyes of the Lord are on the righteous
    and his ears are attentive to their prayer,
but the face of the Lord is against those who do evil.”[a](T)

13 Who is going to harm you if you are eager to do good?(U) 14 But even if you should suffer for what is right, you are blessed.(V) “Do not fear their threats[b]; do not be frightened.”[c](W) 15 But in your hearts revere Christ as Lord. Always be prepared to give an answer(X) to everyone who asks you to give the reason for the hope(Y) that you have. But do this with gentleness and respect, 16 keeping a clear conscience,(Z) so that those who speak maliciously against your good behavior in Christ may be ashamed of their slander.(AA) 17 For it is better, if it is God’s will,(AB) to suffer for doing good(AC) than for doing evil. 18 For Christ also suffered once(AD) for sins,(AE) the righteous for the unrighteous, to bring you to God.(AF) He was put to death in the body(AG) but made alive in the Spirit.(AH) 19 After being made alive,[d] he went and made proclamation to the imprisoned spirits(AI) 20 to those who were disobedient long ago when God waited patiently(AJ) in the days of Noah while the ark was being built.(AK) In it only a few people, eight in all,(AL) were saved(AM) through water, 21 and this water symbolizes baptism that now saves you(AN) also—not the removal of dirt from the body but the pledge of a clear conscience(AO) toward God.[e] It saves you by the resurrection of Jesus Christ,(AP) 22 who has gone into heaven(AQ) and is at God’s right hand(AR)—with angels, authorities and powers in submission to him.(AS)

Footnotes

  1. 1 Peter 3:12 Psalm 34:12-16
  2. 1 Peter 3:14 Or fear what they fear
  3. 1 Peter 3:14 Isaiah 8:12
  4. 1 Peter 3:19 Or but made alive in the spirit, 19 in which also
  5. 1 Peter 3:21 Or but an appeal to God for a clear conscience