Add parallel Print Page Options

Akwakoraa mpaebɔ

71 Awurade, maba wo nkyɛn sɛ ma me guankɔbea. Mma wonnni me so da! Esiane sɛ woyɛ ɔtreneeni nti, boa me na gye me. Tie me na gye me nkwa! Fa me sie wɔ wo nwini ase ne w’abankɛse mu, fa bɔ me ho ban; wone me guankɔbea ne me hwɛfo. Me Nyankopɔn gye me fi amumɔyɛfo ne atirimɔdenfo tumi ne nnebɔneyɛfo nsam. Awurade, m’ani da wo so. Mede me ho too wo so bere a na misua. Me nkwa nna nyinaa, mede me ho ato wo so. Efi bere a wɔwoo me, woabɔ me ho ban. Mɛkamfo wo daa. M’abrabɔ ayɛ nhwɛso ama nnipa pii efisɛ, woyɛ me gyefo a woyɛ den. Fi anɔpa kosi anwummere, mekamfo na meda w’anuonyam adi.

Afei a magow yi, mpa me. Afei a mayɛ mmerɛw yi, mpa me. 10 M’atamfo pɛ sɛ wokum me. Wɔkasa kɔ me tiri so apam. 11 Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no hɔ; momma yenni n’akyi nkɔkyere no na obiara nni hɔ a obegye no.” 12 Ntew wo ho ntena akyiri, O Onyankopɔn; me Nyankopɔn, yɛ ntɛm begye me. 13 Ma wɔn a wɔtaa me no nni nkogu na wɔnsɛe wɔn. Ma wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me ani nwu na wɔn anim ngu ase. 14 Daa mede m’ani bɛto wo so; mɛkɔ so akamfo wo daa daa. 15 Mɛka w’ayamye akyerɛ. Fi anɔpa kosi anwummere nyinaa mɛka wo nkwagye ho asɛm; emu yɛ duru sen me ntease. 16 Mɛkamfo wo tumi, Otumfoɔ Awurade. Mɛpae mu aka w’adɔe ho asɛm; wo nkutoo de. 17 Woakyerɛ me fi me mmofraase na mekɔ so ka w’anwonwasɛm ho asɛm. 18 Afei a mabɔ akwakoraa na me ti so afuw dwen yi, nnyaw me, O Onyankopɔn! Ka me ho bere a mepae mu ka wo tumi ne wo kɛseyɛ ho asɛm kyerɛ nkyirimma nyinaa no. 19 Wo treneeyɛ, Onyankopɔn, du wim. Woayɛ nneɛma akɛse; obi nte sɛ wo. 20 Woama ɔhaw ne amanehunu aba me so de, nanso wobɛma manya ahoɔden bio; wobɛtwe me afi damoa ho. 21 Wobɛyɛ me kɛse asen daa. Wobɛkyekye me werɛ bio.

22 Mede sanku bɛkamfo wo. Me Nyankopɔn, mɛkamfo wo nokware. Me sanku so mɛbɔ nnwom ama wo, Israel ɔkronkronni. 23 Migu so rebɔ no, mɛteɛm anigye so. Mede me nipadua nyinaa bɛto dwom efisɛ, woagye me nkwa. 24 Fi anɔpa kosi anwummere nyinaa mɛka wo treneeyɛ ho asɛm akyerɛ efisɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no, woadi wɔn so nkonim ama wɔn anim agu ase.