Add parallel Print Page Options

Ogye ho mpaebɔ

60 Woapo yɛn, Onyankopɔn, adi yɛn so; wo bo afuw yɛn nanso afei, dan w’ani kyerɛ yɛn. Woama asase no awosow na woapae mu; afei sa n’apirakuru no, efisɛ, emu retetew. Woama wo nkurɔfo ahu amane yiye; yɛtɔ ntintan sɛ wɔn a wɔabobow nsa.

Woabɔ wɔn a wosuro wo no kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi afobu mu. Fa wo tumi gye yɛn. Gye yɛn mpaebɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye nnipa a wodɔ wɔn no. Onyankopɔn akasa afi Kronkron mu Kronkron se, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na makyekyɛ Sukot bon no mu ama me nkurɔfo. Gilead ne Manase wɔ me, na Efraim yɛ me dade kyɛw, ɛnna Yuda yɛ m’ahenni akyeampoma. Moab bɛyɛ me guaresɛn na matow me mpaboa agu Edom so de akyerɛ sɛ ɛyɛ me de. Filistifo no susuwii sɛ wɔbɛteɛm sɛ wɔadi me so nkonim anaa?”

O Onyankopɔn, hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔabɔ ho ban no mu? Hena na ɔde me bɛkɔ Edom? 10 Nokware sɛ woapo yɛn? Ɛnyɛ yɛn asraafo na wode wɔn betu sa? 11 Boa yɛn tia atamfo no. Ɔdasani mmoa nka hwee.

12 Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim. Obedi yɛn atamfo so.