Add parallel Print Page Options

Awerɛhow mu su ne ayeyi dwom

22 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me? Masu mmɔborɔsu repɛ mmoa, nanso ennu. Mefrɛ wo awia, me Nyankopɔn, nanso wunnye me so. Mefrɛ wo anadwo, nanso minnya home. Nanso wɔasi wo hene sɛ ɔkronkronni a Israel kamfo wo. Yɛn nenanom de wɔn ho too wo so; wɔde wɔn ho too wo so, na wugyee wɔn nkwa. Wɔfrɛɛ wo, na wɔnam so fii amane mu. Wɔde wɔn ho too wo so, na woanni wɔn huammɔ.

Mprempren, menyɛ onipa bio. Meyɛ osunson a wommu no na obiara tiatia ne so. Obiara a ohu me di me ho fɛw. Wɔtwe wɔn tɛkrɛma wosow wɔn ti. Wɔka se, “Wode wo ho too Awurade so na adɛn nti na onnye wo nkwa? Sɛ Awurade pɛ w’asɛm a, adɛn nti na ɔmmoa wo?”

Wo na wode me fi m’awo mu bae dwoodwoo. Na meyɛ akokoaa no, wo na wohwɛɛ me so. 10 Efi bere a wɔwoo me na mede me ho metoo wo so, na woyɛ me Nyankopɔn daa. 11 Ntew wo ho mfi me ho! Amane abɛn, na ɔboafo nni baabi.

12 M’atamfo atwa me ho ahyia sɛ anantwinini. Wɔatwa me ho ahyia te sɛ anantwinini a wɔn ho yɛ hu a wofi Basan. 13 Wobuebue wɔn anom te sɛ agyata a wɔrepɔ so retetew me. 14 M’ahoɔden asa; asa te sɛ nsu a wɔahwie agu fam. Me nnompe ahodwow. Me koma ayɛ sɛ nku a anan. 15 Me menewa mu ayow te sɛ mfutuma. Na me tɛkrɛma tare m’anom. Woagyaw me sɛ minwu wɔ mfutuma mu. 16 Nnebɔneyɛfo atwa me ho ahyia; wɔte sɛ akramankuw a wɔaka me ahyɛ wɔn ntam. Wɔkeka me nsa ne me nan. 17 Me nnompe nyinaa apuepue. M’atamfo hwɛ me haa. 18 Wɔbɔ me ntade so ntonto kyekyɛ ma wɔn ho.

19 O Awurade, ntew wo ho mfi me ho! Bra ntɛm begye me nkwa! 20 Gye me fi nkrante ano; gye me nkwa fi saa akraman yi mu. 21 Gye me nkwa fi saa agyata yi mu. Minni mmoa biara wɔ saa anantwinini yi mu.

22 Mɛka nea woayɛ akyerɛ me nkurɔfo. Mɛkamfo wo wɔ wɔn aguabɔ ase. 23 “Monkamfo no, mo a moyɛ Awurade asomfo! Munni no ni, mo a moyɛ Yakob asefo! Monsom no, mo Israelfo! 24 Ɔnto ohiani anaa ɔmanehunufo agyaagyaamu. Onnyaw wɔn hɔ na mmom sɛ wɔfrɛ no a, ogye wɔn so.”

25 Bagua no nyinaa anim na mɛkamfo wo wɔ nea woayɛ ama me no ho. Wɔn a wɔsom wo no anim na mɛbɔ afɔre a mahyɛ ho bɔ no. 26 Ahiafo bedi dodow biara a wɔpɛ. Wɔn a wɔba Awurade nkyɛn no bɛkamfo no. Wɔbɛkɔ so daa daa. 27 Aman nyinaa bɛkae Awurade. Wɔn a wɔwɔ wiase afanan nyinaa bɛkɔ ne nkyɛn akɔsom no.

28 Awurade yɛ ɔhene, na odi aman nyinaa so. 29 Ahantanfo nyinaa bɛkotow no. Adasamma nyinaa bɛkotow no. 30 Nkyirimma nyinaa bɛsom no. Nnipa bɛka Awurade ho asɛm akyerɛ nkyirimma. 31 Wɔbɛka akyerɛ wɔn a wonnya nwoo wɔn no se, “Awurade gyee ne nkurɔfo nkwa.”