Nnwom 129
Nkwa Asem
Mpae a wɔbɔ tia Israel atamfo
129 Israel, ka efi wo mmofraase, taa a w’atamfo ataa wo, nanso wɔantumi anni wo so kyerɛ yɛn. 2 “Efi me mmofraase, m’atamfo ataa me atirimɔden so, nanso wɔantumi anni me so.
3 “Wotwaa kam kɛse te sɛ asase a wɔafuntum wɔ m’akyi. 4 Nanso Awurade, ɔtreneeni no, agye me afi nkoasom mu.”
5 Obiara a ɔtan Sion no, wobedi ne so na wɔapam no asan n’akyi. 6 Ma wɔn nyinaa nyɛ sɛ sare a enyin wɔ adan atifi ma ewu no; 7 Obiara mmoaboa ano, na obiara nsoa no afiafi nkɔ. 8 Obiara a obetwam wɔ hɔ no renka se, “Awurade nhyira mo! Yehyira mo wɔ Awurade din mu.”

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.