Nnwom 1
Nkwa Asem
NKYƐM A EDI KAN
NNWOM 1-41
Ɔtreneeni ne ɔdebɔneyɛfo
1 Nhyira nka onipa a ontie nnebɔneyɛfo afotu, na onni nnebɔneyɛfo nneyɛe akyi, na onni wɔn a wodi fɛw nso akyi. 2 Na mmom, ɔde anigye di Awurade mmara so, na odwen ho awia ne anadwo nyinaa. 3 Ɔte sɛ nnua a enyin wɔ asuten ho, na ɛsow aba bere a ɛsɛ mu a ne nhaban no nguan. Odi nkonim wɔ biribiara a ɔyɛ mu.
4 Nanso nnebɔneyɛfo nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu. 5 Onyankopɔn bebu nnebɔneyɛfo fɔ, na wɔatew wɔn afi ne nkurɔfo ho. 6 Awurade kyerɛ atreneefo kwan, na ɔbɔ wɔn ho ban. Na nnebɔneyɛfo de, wɔrekɔ wɔn sɛe mu.

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.