Nnwom 99
Nkwa Asem
Onyankopɔn, Ɔhene Tumfoɔ
99 Awurade yɛ ɔhene; nnipa ho popo. Ɔtena n’ahengua a esi abɔde bi ntaban so ma asase wosow.
2 Awurade yɛ Otumfoɔ wɔ Sion; ɔyɛ kɛse wɔ aman nyinaa so. 3 Obiara bɛkamfo ne kɛseyɛ ne ne tumi a ɛwɔ ne din mu no. Ɔyɛ kronkron!
4 Ɔhene kɛse, wodɔ ade trenee. Woabɔ trenee atenaseɛ wɔ Israel. Woama trenee ne nokware aba. 5 Kamfo Awurade, yɛn Nyankopɔn; som no n’ahengua anim. Ɔyɛ ɔkronkronni!
6 Mose ne Aaron yɛɛ n’asɔfo, na Samuel ne obi a ɔbɔɔ no mpae. Wɔfrɛɛ Awurade, na ogyee wɔn so. 7 Ɔkasa kyerɛɛ wɔn fii omununkum dum mu. Wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so. 8 O Awurade, me Nyankopɔn, wugyee wo nkurɔfo so; woma wohui sɛ wo ne Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ, nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
9 Kamfo Awurade, yɛn Nyankopɔn, na som wɔ ne Bepɔw kronkron no so! Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ kronkron.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.