Nnwom 96
Nkwa Asem
Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse
96 To dwom foforo ma Awurade! Monto mma Awurade, wiasefo nyinaa! 2 Monto mma Awurade na monkamfo no! Daa mompae mu nka asɛmpa no se wagye yɛn nkwa.
3 Monka n’anuonyam ho asɛm ne nneɛma akɛse a wayɛ ama nnipa nyinaa nkyerɛ aman. 4 Awurade yɛ ɔkɛseɛ enti ɔsɛ nkamfo. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam sen anyame a aka no nyinaa. 5 Anyame a wɔwɔ aman a aka so no nyinaa yɛ ahoni. Nanso Awurade bɔɔ ɔsoro. 6 Anuonyam ne kɛseyɛ atwa ne ho ahyia. Tumi ne ahotew ahyɛ ne fi ma. 7 Monkamfo Awurade, nnipa a mowɔ asase so nyinaa; monkamfo n’anuonyam ne ne tumi. 8 Monkamfo Awurade din a anuonyam wɔ mu no; momfa afɔrebɔde mmra na mommra n’asɔrefi. 9 Sɛ ofiti na ɔreba a, kotow ɔkronkronni no. Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ n’anim! 10 Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “Awurade ne hene! Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn a ɛnka ne ho; obebu nnipa atɛntrenee.”
11 Asase ne wim, momma mo ani nnye. Ɛpo ne mu abɔde nyinaa nworo so; 12 mfuw ne biribiara a ɛwɔ mu, mo ani nnye! Nnua a ɛwɔ kwaem de ahosɛpɛw bɛteɛm 13 bere a Awurade rebedi asase so no. Obedi wiasefo so nokwarem.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.