Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Study Bibles + commentaries + Scripture = deeper understanding. Explore Bible Gateway Plus.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
One verse. Every morning. Sign up.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Nnwom 71  Nkwa Asem

Akwakoraa mpaebɔ

71 Awurade, maba wo nkyɛn sɛ ma me guankɔbea. Mma wonnni me so da! 2 Esiane sɛ woyɛ ɔtreneeni nti, boa me na gye me. Tie me na gye me nkwa! 3 Fa me sie wɔ wo nwini ase ne w’abankɛse mu, fa bɔ me ho ban; wone me guankɔbea ne me hwɛfo. 4 Me Nyankopɔn gye me fi amumɔyɛfo ne atirimɔdenfo tumi ne nnebɔneyɛfo nsam. 5 Awurade, m’ani da wo so. Mede me ho too wo so bere a na misua. 6 Me nkwa nna nyinaa, mede me ho ato wo so. Efi bere a wɔwoo me, woabɔ me ho ban. Mɛkamfo wo daa. 7 M’abrabɔ ayɛ nhwɛso ama nnipa pii efisɛ, woyɛ me gyefo a woyɛ den. 8 Fi anɔpa kosi anwummere, mekamfo na meda w’anuonyam adi.

9 Afei a magow yi, mpa me. Afei a mayɛ mmerɛw yi, mpa me. 10 M’atamfo pɛ sɛ wokum me. Wɔkasa kɔ me tiri so apam. 11 Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no hɔ; momma yenni n’akyi nkɔkyere no na obiara nni hɔ a obegye no.” 12 Ntew wo ho ntena akyiri, O Onyankopɔn; me Nyankopɔn, yɛ ntɛm begye me. 13 Ma wɔn a wɔtaa me no nni nkogu na wɔnsɛe wɔn. Ma wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me ani nwu na wɔn anim ngu ase. 14 Daa mede m’ani bɛto wo so; mɛkɔ so akamfo wo daa daa. 15 Mɛka w’ayamye akyerɛ. Fi anɔpa kosi anwummere nyinaa mɛka wo nkwagye ho asɛm; emu yɛ duru sen me ntease. 16 Mɛkamfo wo tumi, Otumfoɔ Awurade. Mɛpae mu aka w’adɔe ho asɛm; wo nkutoo de. 17 Woakyerɛ me fi me mmofraase na mekɔ so ka w’anwonwasɛm ho asɛm. 18 Afei a mabɔ akwakoraa na me ti so afuw dwen yi, nnyaw me, O Onyankopɔn! Ka me ho bere a mepae mu ka wo tumi ne wo kɛseyɛ ho asɛm kyerɛ nkyirimma nyinaa no. 19 Wo treneeyɛ, Onyankopɔn, du wim. Woayɛ nneɛma akɛse; obi nte sɛ wo. 20 Woama ɔhaw ne amanehunu aba me so de, nanso wobɛma manya ahoɔden bio; wobɛtwe me afi damoa ho. 21 Wobɛyɛ me kɛse asen daa. Wobɛkyekye me werɛ bio.

22 Mede sanku bɛkamfo wo. Me Nyankopɔn, mɛkamfo wo nokware. Me sanku so mɛbɔ nnwom ama wo, Israel ɔkronkronni. 23 Migu so rebɔ no, mɛteɛm anigye so. Mede me nipadua nyinaa bɛto dwom efisɛ, woagye me nkwa. 24 Fi anɔpa kosi anwummere nyinaa mɛka wo treneeyɛ ho asɛm akyerɛ efisɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no, woadi wɔn so nkonim ama wɔn anim agu ase.

Next
Nnwom 70
Nnwom 72
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway