Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
A new Bible Gateway experience is here. Spot something unexpected? Tell us what needs a closer look.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Understand more as you read. Try Bible Gateway Plus.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Nnwom 45  Nkwa Asem

Ɔdehye Ayeforohyia Dwom

45 Nsɛm a ɛyɛ dɛ hyɛ m’adwene ma bere a merehyehyɛ saa dwom yi ama ɔhene no. Ɛte sɛ ɔkyerɛwfo pa kyerɛwdua, anwensɛm ayɛ pɛ me tɛkrɛma so.

2 W’ahoɔfɛ twa mmarima nyinaa mu. Wo kasa yɛ dɛ. Onyankopɔn ahyira wo daa. 3 Fa wo nkrante, ɔhene kɛse; w’anim yɛ nyam na woyɛ otumfoɔ. 4 Kɔ w’anim tumi ne nkonimdi so fa bɔ nokware ne papa ho ban. W’ahoɔden bɛma woadi nkonim akɛse! 5 Wo bɛmma ano yɛ nnam; ɛwowɔ w’atamfo koma mu; aman hwe ase wɔ wo nan ase. 6 Ahemman a Onyankopɔn de ama wo no bɛtena hɔ daa daa. Wode nokware di wo nkurɔfo so; 7 wodɔ ade trenee na wukyi ade bɔne. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn ayi wo de ahotɔ ahyira wo asen ɔhene biara no.

8 Kurobow ne pɛperɛ hua wɔ wo ntade mu. Nnwomhyehyɛfo gye w’ani wɔ ahemfi a wɔde asonse asiesie hɔ no mu. 9 Ahemfo mmabea na wɔka mmea a wɔwɔ wo fi ho, na w’ahengua nifa so na ɔhemmea gyina a ɔhyɛ sikakɔkɔɔ a ɛyɛ fɛ yiye agude. 10 Ɔhene yere ayeforo, tie asɛm a meka; ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne w’abusuafo. 11 W’ahoɔfɛ bɛma ɔhene adɔ wo; ɔno ne wo wura, enti ɛsɛ sɛ wutie no. 12 Nnipa a wofi Tiro bɛbrɛ wo akyɛde. Adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13 Ɔhene babea no wɔ ahemfi hɔ. Ne ho yɛ fɛ papa bi. Wɔde sikakɔkɔɔ asaawa na ɛpam n’atade. 14 Ɔhyɛ n’atade pa yi na wɔde no kɔmaa ɔhene a n’ayeforo mmaawa di n’akyi a, wɔde wɔn nyinaa kɔmaa ɔhene no. 15 Wɔde ahosɛpɛw ne anigye na ɛkɔɔ ɔhene no ahemfi hɔ. 16 Wo, me hene, wobɛwo mma bebree a wobedi wɔn nenanom ade sɛ ahemfo, na wobɛyɛ wɔn adedifo wɔ asase so nyinaa.

17 Me dwom yi bɛma din a woagye no atena hɔ daa daa, na obiara bɛkamfo wo nna a ɛreba no nyinaa mu.

Next
Nnwom 44
Nnwom 46
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway