Add parallel Print Page Options

De kamfo Onyankopɔn papayɛ

34 Mɛda Awurade ase daa! Merennyae no kamfo da. Mɛkamfo no wɔ nea wayɛ ama me no ho. Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa ntie na wɔn ani nnye! Mo ne me nkamfo Awurade kɛseyɛ; momma yɛmmom nkamfo ne din!

Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so; oyii me fii me suro mu. Wɔn a wɔhyɛ wɔn so hwɛ no na wɔn ani gye; wɔrenni wɔn huammɔ. Onnibie frɛ no na ogye wɔn so; ogye wɔn fi wɔn haw nyinaa mu. Wɔn a wotie Awurade no, ne bɔfo wɛn wɔn, na ogye wɔn fi amane mu.

W’ankasa hwɛ ye a Awurade ye. Nhyira nka wɔn a wonya guankɔbea wɔ ne mu. Awurade nkurɔfo nyinaa muntie no. Wɔn a wotie no no, nya nea ehia wɔn nyinaa. 10 Agyata mpo, sɛ wonnya aduan a, ɔkɔm de wɔn; nanso wɔn a wotie Awurade no hwee nhia wɔn.

11 Me nnamfonom nkumaa, mummetie me, na menkyerɛ mo sɛnea mobɛhyɛ Awurade anuonyam. 12 Mopɛ sɛ motena anigye mu? Mopɛ nkwa tenten ne ahotɔ? 13 Ɛnne munnyae bɔne kasa ne atoro twa. 14 Munnyae bɔne yɛ na monyɛ papa; momfa mo koma nyinaa ntiw asomdwoe akyi.

15 Awurade hwɛ atreneefo na otie wɔn sufrɛ nso. 16 Nanso nnebɔneyɛfo de, otia wɔn; nti sɛ wowu a, ɛnkyɛ, wɔnkae wɔn. 17 Atreneefo frɛ Awurade na otie; ogye wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔapa abaw. Ogye wɔn a wɔn anidaso asa nkwa. 19 Ɔhaw bebree to onipa pa; nanso, Awurade gye no fi ne nyinaa mu. 20 Awurade kora ne so koraa a ne dompe baako mpo remmu.

21 Bɔne kum ɔdebɔneyɛfo. Wɔbɛtwe wɔn a wɔtan trenee aso. 22 Awurade begye ne nkurɔfo nkwa. Wɔn a woguan toa no no wɔn ho renka.