Nnwom 143
Nkwa Asem
Mmoa mpaebɔ
143 Awurade, tie me mpaebɔ! Wo trenee mu, tie m’adesrɛ. Gye me so wɔ wo nokware turodoo mu! 2 Nsɔ me, w’akoa, nhwɛ! Obiara nyɛ pɛ w’anim.
3 Me tamfo apɛ me anya me na wadi me so koraa. Ɔde me ato afiase sum mu na mayɛ sɛ wɔn a wowuwui dedaadaw no. 4 Ɛno nti, mereyɛ apa abaw. M’aba mu abu.
5 Mekae mmere a atwam no; midwen nea woayɛ nyinaa. Mekae wo nnwuma nyinaa. 6 Mepagyaw me nsa kyerɛ wo so wɔ mpaebɔ mu; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee. 7 Awurade, bua me mprempren ara! M’anidaso asa. Mfa wo ho nhintaw me anyɛ saa a, mɛfra nsamanfo mu. 8 Daa anɔpa, kae me wo dɔ a wodɔ me no efisɛ, mede me ho to wo so. Me mpaebɔ ba wo nkyɛn. Kyerɛ me kwan a memfa so. 9 Awurade, mekɔ wo nkyɛn kɔpɛ hintabea, gye me fi m’atamfo nsam. 10 Woyɛ me Nyankopɔn; kyerɛ me na menyɛ w’apɛde. Hwɛ me yiye na kyerɛ me kwan pa a memfa so.
11 Gye me, Awurade, sɛnea woahyɛ me bɔ no; fa wo papayɛ so gye me fi ɔhaw mu! 12 Esiane ɔdɔ a wodɔ me nti, kum m’atamfo na sɛe wɔn a wɔhyɛ me so nyinaa efisɛ, meyɛ wo somfo.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.