Add parallel Print Page Options

Ayeyi dwom

135 Kamfo Awurade! Monkamfo ne din, Awurade asomfo a, mugyina Awurade fi a ɛyɛ Onyankopɔn fi hɔ no. Monkamfo Awurade efisɛ, oye. Monto ayeyi nnwom wɔ ne din mu efisɛ, ne yam ye. Oyii Yakob maa ne ho na oyii Israelfo sɛ n’ankasa ne de.

Minim sɛ yɛn Awurade yɛ ɔkɛse; Ɔyɛ ɔkɛse sen anyame no nyinaa. Ɔyɛ nea ɔpɛ biara wɔ soro ne asase so, ɛpo mu ne ɛpo ase pɛɛ. Ɔma ahum mu mununkum fi asase ano ba; ɔma anyinam twa fi ahum no mu na watwe mframa afi ne hintabea. Okum nnipa ne mmoa nyinaa mmakan wɔ Misraim. Ɛhɔ na ɔyɛɛ anwonwade de twee ɔhene ne ne mpanyimfo aso. 10 Ɔsɛee aman pii, kunkum ahene atumfo. 11 Okum Amorihene, Sihon. Okum Basanhene, Og ne ahene a wɔwɔ Kanaan nyinaa. 12 Ɔde wɔn nsase maa ne nkurɔfo. Ɔde maa Israel.

13 Awurade, daa wɔbɔ wo din sɛ woyɛ Onyankopɔn. Nkyirimma nyinaa bɛkae wo. 14 Awurade bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban. Obehu n’asomfo mmɔbɔ.

15 Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ aman no mu anyame no; wɔde nnipa nsa nso na ɛyɛe. 16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa; wɔwɔ ani, nanso wonhu ade, 17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm na wontumi nhome nso. 18 Wɔn a wɔyɛɛ wɔn na wogye wɔn di no nyinaa nyɛ te sɛ ahoni no ara pɛ.

19 Monkamfo Awurade, nnipa a mowɔ Israel; monkamfo no, mo Nyankopɔn asɔfo! 20 Monkamfo no, mo Lewifo; monkamfo no, mo a mosom no nyinaa! 21 Monkamfo Awurade wɔ Sion, wɔ Yerusalem, ne fi.

Kamfo Awurade!