Font Size
Nnwom 127
Nkwa Asem
Nnwom 127
Nkwa Asem
Onyankopɔn ayamye ho nkamfo
127 Sɛ Awurade ansi dan no a, adansifo no adwuma a wɔyɛ wɔ ho no yɛ ɔkwa; sɛ Awurade ammɔ kurow no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa. 2 Sɛ w’asetena nti, woyeyere wo ho yɛ adwuma a, wosɔre anɔpa na wɔkɔda anadwo kɔnkɔn a, ɛyɛ ɔkwa. Efisɛ, wɔn a wɔdɔ Awurade no, sɛ wɔadeda koraa a, ɔma wɔn nea ɛho hia wɔn.
3 Mma yɛ Awurade akyɛde; wɔyɛ nhyira. 4 Mma a onipa wɔ wɔ ne mmabun bere mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. 5 Nhyira nka obi a ɔwɔ saa agyan no bebree. Sɛ odu atemmubea hɔ na ohyia n’atamfo a, obi rentumi nni ne so da.
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.