Nnwom 115
Nkwa Asem
Onyankopɔn nokwafo baako pɛ no
115 Wo nko, O Awurade, wo nko, na ɛnyɛ yɛn, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ yɛn anuonyam, esiane wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa ne wo trenee nti. 2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ aman bisa yɛn se, “Mo Nyankopɔn wɔ he?”
3 Yɛn Nyankopɔn wɔ soro; ɔyɛ nea ɔpɛ. 4 Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔnam onipa nsa so na ayɛ wɔn anyame. 5 Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa. Wɔwɔ ani, nanso wonhu ade. 6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm. Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte ade. 7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka. Wɔwɔ nan, nanso wɔnnantew. Wontumi nso nnyigye. 8 Ma wɔn a wɔyɛɛ wɔn na wɔwɔ wɔn mu gyidi no nyɛ sɛ ahoni no ara.
9 Mo Israelfo, momfa mo ho nto Awurade so. Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban. 10 Onyankopɔn asɔfo, momfa mo ho nto Awurade so. Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban. 11 Mo a mosom no nyinaa momfa mo ho nto Awurade so. Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban.
12 Awurade kae yɛn na obehyira yɛn. Obehyira Israelfo ne Onyankopɔn asɔfo nyinaa. 13 Obehyira obiara a odi no ni; akɛse ne nkumaa nyinaa pɛ. 14 Awurade mma, mo ne mo asefo nyinaa nwo mma! 15 Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no nhyira mo. 16 Ɔsoro yɛ Awurade nko de, na ɔde asase maa onipa.
17 Awufo nkamfo Awurade. Saa ara nso na wɔn a wɔkɔ ase dinn beae hɔ no nkamfo Awurade. 18 Nanso yɛn ateasefo bɛda no ase nnɛ ne daa nyinaa. Kamfo Awurade!
Psalm 115
New International Version
Psalm 115(A)
1 Not to us, Lord, not to us
but to your name be the glory,(B)
because of your love and faithfulness.(C)
2 Why do the nations say,
“Where is their God?”(D)
3 Our God is in heaven;(E)
he does whatever pleases him.(F)
4 But their idols are silver and gold,(G)
made by human hands.(H)
5 They have mouths, but cannot speak,(I)
eyes, but cannot see.
6 They have ears, but cannot hear,
noses, but cannot smell.
7 They have hands, but cannot feel,
feet, but cannot walk,
nor can they utter a sound with their throats.
8 Those who make them will be like them,
and so will all who trust in them.
9 All you Israelites, trust(J) in the Lord—
he is their help and shield.
10 House of Aaron,(K) trust in the Lord—
he is their help and shield.
11 You who fear him,(L) trust in the Lord—
he is their help and shield.
12 The Lord remembers(M) us and will bless us:(N)
He will bless his people Israel,
he will bless the house of Aaron,
13 he will bless those who fear(O) the Lord—
small and great alike.
14 May the Lord cause you to flourish,(P)
both you and your children.
15 May you be blessed by the Lord,
the Maker of heaven(Q) and earth.
Notas al pie
- Psalm 115:18 Hebrew Hallelu Yah
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Holy Bible, New International Version®, NIV® Copyright ©1973, 1978, 1984, 2011 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
NIV Reverse Interlinear Bible: English to Hebrew and English to Greek. Copyright © 2019 by Zondervan.