Add parallel Print Page Options

Yesu kɔ Yerusalem

21 Aka kakra na Yesu ne n’asuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛnee kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa n’asuafo no mu baanu sɛ, wonni kan nkɔ.

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum bi ne ne ba hama. Monsan wɔn na momfa wɔn mmrɛ me. Sɛ obi bisa mo se, dɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onii no se, ‘Wɔn ho hia Awurade’ na asɛm biara remma.”

Wɔyɛɛ eyi hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka se, “Monka nkyerɛ Sion babea se, wo hene reba wo nkyɛn. Odwo, na ɔte afurum ne afurum ba so” no mu den.

Asuafo baanu no yɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntama sesɛw afurum no so, maa Yesu tenaa ne so. Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnubaa, de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. Dɔm no tu teɛe, de osebɔ teɛteɛɛm se, “Hosiana, Dawid Ba! Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no. Hosiana wɔ soro nohɔ!”

10 Bere a oduu Yerusalem no, kurow no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfo no bisae se, “Na hena ni?”

11 Nnipadɔm no buae se, “Ɛyɛ Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”

Yesu kɔ asɔrefi

12 Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefi. Oduu hɔ no, ɔpamoo aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui.

13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘M’asɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae.’ Nanso, mo de, mode hɔ ayɛ akorɔmfo atenae.”

14 Afei, anifuraefo ne mmubuafo baa ne nkyɛn wɔ asɔrefi hɔ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 15 Nanso, bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi, na wɔtee nso sɛ, mmofra nkumaa a wɔwɔ asɔrefi hɔ reteɛteɛm se, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ. Enti, wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no anaa?”

16 Yesu buae se, “Yiw. Na monkenkanee saa Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Mmotafowa mpo bɛkamfo no’ no da, anaa?”

17 Afei ofii hɔ san kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.

Yesu dome aduaba bi

18 Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no. 19  Ohui sɛ akutu bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ akutu no bi wɔ so ana, nanso oduu hɔ no, ohui sɛ ahaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee aduaba no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Ɛhɔ ara, akutu dua no wui.

20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn na akutu no so ahaban poo ntɛm saa?”

21 Yesu nso buaa wɔn se, “Nokwarem, sɛ mowɔ gyidi a enhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu’, na ebetutu akogu mu nso. 22 Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.”

Yesu tumi ho asɛmmisa

23 Yesu san kɔɔ asɔrefi hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne nkyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pamoo aguadifo ne sikasesafo no fii asɔrefi hɔ no.

24 Yesu kae se, “Merebebisa mo asɛm baako bi, na mummua me ansa. 25 Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osuboni, anaa ɛnyɛ ɔno?” Wɔdwennwenee ho kae se, “Sɛ yɛka se, ‘Efi Onyankopɔn’ a, wobebisa yɛn nea enti a, yɛannye nea Yohane kae no anni. 26 Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn, efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.” 27 Enti, wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ “Yennim!” Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, “Sɛ munnim de a, me nso meremmua mo.”

Mmabarima baanu ho bɛ

28 Yesu kae se, “Saa asɛm a merebɛka yi, mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, ‘Me ba, nnɛ kɔ m’afum na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’ 29 Ne ba no kae se, ‘Merenkɔ,’ nanso akyiri yi, ɔsesaa n’adwene na ɔkɔe. 30 Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kae se, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ. 31 Saa mmofra baanu yi mu hena na otiee n’agya asɛm?” Wobuae se, “Ne ba panyin no.” Afei Yesu kyerɛɛ asɛm no ase se, “Akyinnye biara nni ho sɛ nnebɔnyɛfo ne nguamanfo bɛkɔ ɔsoro ahenni mu ansa na moakɔ. 32 Efisɛ, Osuboni Yohane ka kyerɛɛ mo se, monsakra mo su na monkɔ Onyankopɔn nkyɛn nanso, moansakra, maa nnebɔneyɛfo ne nguamanfo sakraa wɔn su. Na muhuu nea ɛbae no koraa, moannye anni, enti moansakra.”

Apaafo ho bɛ

33 Yesu buu wɔn bɛ foforo bi se, “Da bi, ɔbarima bi a ɔwɔ mmɛfuw a wagye ban afa ho, na watu amoa a wokyi ngo wɔ mu, de afuw no gyaw akuafo bi. Eyi akyi no, otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so.

34 “Eduu bere a mmɛ no beree a, ɛsɛ sɛ wonu no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafo no hɔ sɛ wommegye ne kyɛfo mmrɛ no. 35 Woduu hɔ ara pɛ na akuafo no tow hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako, ɛnna wosiw ɔbaako nso abo.

36 “Afei, ɔsan somaa nnipa a wɔn dodow sen wɔn a ɔsomaa wɔn kan no sɛ wɔnkɔ akuafo no nkyɛn, nanso, asɛm koro no ara bi na esii. 37 Eyi akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafo no nkyɛn susuwii sɛ, wɔde nidi bɛma no.

38 “Nanso, akuafo no hui sɛ, ne ba no afiti reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no; momma yenkum no, na yɛmfa afuw no!’ 39 Ɛhɔ ara, wɔtwee no fii afuw no mu kokum no too baabi.

40 “Sɛ afuw wura no san ba a, mugye di sɛ dɛn na ɔbɛyɛ saa akuafo no.?”

41 Yudafo mpanyin no buae se, “Ɔno nso bekum saa atirimɔdenfo no, na ɔde afuw no ama akuafo foforo a wɔde ne kyɛfa bɛma no bere a ɛsɛ mu.”

42 Yesu bisaa wɔn bio se, “Monkan Kyerɛwsɛm no mu da se, ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no tweatibo.’ Eyi yɛ Awurade dwumadi no bi, na ayɛ yɛn ani so anwonwasɛm yi no?”

43 “Nea mereka ara ne sɛ, wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman foforo a wɔbebu n’afude no ho nkontaa pa akyerɛ no. 44 Wɔn a wɔbɛhwe saa nokware botan yi so no mu bebubu, na nea nokware botan no nso bɛhwe ne so no bɛpɛkyɛw.”

45 Bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no tee ase sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, 46 wɔpɛe sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wosuro dɔm no, efisɛ, na wɔagye Yesu atom sɛ ɔyɛ odiyifo.