Mateo 18
Nkwa Asem
Hena ne ɔkɛseɛ
18 Ɛbɛyɛ saa bere koro no ara mu, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse ɔsoro ahenni no mu.
2 Yesu frɛɛ abofra ketewa bi de no begyinaa wɔn mfinimfini. 3 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Merema mo ate ase sɛ gye sɛ motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobetumi akɔ ɔsoro ahenni no mu.” 4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ne kɛse koraa ɔsoro ahenni no mu. 5 Na mo mu biara a, me nti, obegye abofra ketewa biara te sɛ oyi no, wagye me nso aba ne nkyɛn. 6 Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene ɛpo mu.
7 “Wiase nnue wɔ ne hintiduato ho! Hintiduato wɔ hɔ de, nanso nea ɛnam ne so bɛba no nnue. 8 Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ soro sen sɛ wɔde wo nipa mu bɛto ogyatannaa mu. 9 Na sɛ w’ani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto ogyatannaa mu.
Oguan a wayera no ho bɛ
10 “Monhwɛ yiye, na moammu saa mmofra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo se, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfo wɔ m’agya nkyɛn daa. 11 Na me, Agyenkwa no, mebae sɛ merebegye wɔn a wɔayera no nkwa.
12 “Sɛ onipa bi wɔ nguan ɔha, na wɔn mu baako kokyin na ɔyera a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin mmepɔw so ne abon mu nhwehwɛ nea wayera no? 13 Na sɛ ɛba sɛ ohu saa oguan no a, n’ani gye no ho sen aduɔkron akron a wɔwɔ fie no. 14 Saa ara nso na m’agya a ɔwɔ soro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.
Onua fom wo a, w’asɛde
15 “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka nea ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ otie nea woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua. 16 Na sɛ wantie nso a, san fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn na wɔadi nea ebesi hɔ no nyinaa ho adanse. 17 Sɛ wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wudi bem asafo no anim na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfi wɔn mu. 18 Mereka akyerɛ mo se, biribiara a mobɛkyekye wɔ asase so no, wɔakyekye wɔ soro; na biribiara a moasan wɔ asase so no, wɔasan wɔ soro.
19 “Meresan aka akyerɛ mo bio se, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi, na wɔde nokware bisa m’agya a ɔwɔ soro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn. 20 Na nea baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfinimfini.”
Ɔpaani tirimɔdenfo no
21 Petro baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Mpɛn ason anaa?”
22 Yesu buaa no se, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahorow ason!
23 “Ɔsoro ahenni no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛe sɛ ɔne n’apaafo bu nkontaa. 24 Nkontaabu no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sidi ɔpepem du brɛɛ no. 25 Esiane sɛ na onni sika a ɔde betua ka no nti, ɔhene no hyɛe sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ na wɔmfa mmetua ka no.
26 “Ɔpaani no de n’anim butuw fam srɛɛ ne wura yi se, ‘Me wura, hu me mmɔbɔ, na tɔ wo bo ase ma me, na mɛba abetua ka a mede wo no nyinaa.’
27 “Ɔpaani yi asɛm a ɔkae yi yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ogyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.
28 “Saa ɔpaani yi fi hɔ no, okohuu ɔpaani foforo bi a ɔde no ka sidi mpenu. Otim no amenewa sɛ ontua no ka a ɔde no no wɔ hɔ ara.
29 “Ɔkafo no kotow, paa no kyɛw se ɔntɔ ne bo ase mma no na obetua no ka.
30 “Nanso, ɔno de, wampene. Ɔma wɔde ɔkafo yi kɔtoo afiase sɛ gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no.
31 “Ɔkafo yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no. 32 Ɔhene no tee no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa n’anim. Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Onipa bɔne ne otirimɔdenfo! Wosrɛɛ me no, mede ka kɛse a wode me no nyinaa kyɛɛ wo; 33 ɛnsɛ wo sɛ wo nso wuhu wo yɔnko mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa?’
34 “Ɔhene no de abufuw ma wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kae se, gye sɛ watua ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no. 35 Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomso ankyɛ wɔn a, me soro Agya nso, remfa mo mfomso nkyɛ mo.”
Matthew 18
English Standard Version
Who Is the Greatest?
18 (A)At that time the disciples came to Jesus, saying, “Who is the greatest in the kingdom of heaven?” 2 And calling to him a child, he put him in the midst of them 3 and said, “Truly, I say to you, unless you (B)turn and (C)become like children, you (D)will never enter the kingdom of heaven. 4 (E)Whoever humbles himself like this child is the (F)greatest in the kingdom of heaven.
5 (G)“Whoever receives one such child in my name receives me, 6 but (H)whoever causes one of these (I)little ones who believe in me to sin,[a] it would be better for him to have a great millstone fastened around his neck and to be drowned in the depth of the sea.
Temptations to Sin
7 “Woe to the world for (J)temptations to sin![b] (K)For it is necessary that temptations come, (L)but woe to the one by whom the temptation comes! 8 (M)And if your hand or your foot causes you to sin, cut it off and throw it away. It is better for you to enter life crippled or lame than with two hands or two feet to be thrown into (N)the eternal fire. 9 (O)And if your eye causes you to sin, tear it out and throw it away. It is better for you to enter life with one eye than with two eyes to be thrown into the (P)hell[c] of fire.
The Parable of the Lost Sheep
10 “See that you do not despise (Q)one of these little ones. For I tell you that in heaven (R)their angels always (S)see the face of my Father who is in heaven.[d] 12 (T)What do you think? (U)If a man has a hundred sheep, and one of them has gone astray, does he not leave the ninety-nine on the mountains and go in search of the one that went astray? 13 And if he finds it, truly, I say to you, he rejoices over it more than over the ninety-nine that never went astray. 14 So (V)it is not the will of my[e] Father who is in heaven that one of these little ones should perish.
If Your Brother Sins Against You
15 (W)“If your brother sins against you, (X)go and tell him his fault, between you and him alone. If he listens to you, you have (Y)gained your brother. 16 But if he does not listen, take one or two others along with you, that every charge may be established (Z)by the evidence of two or three witnesses. 17 If he refuses to listen to them, (AA)tell it to the church. And if he refuses to listen even to the church, (AB)let him be to you as (AC)a Gentile and (AD)a tax collector. 18 Truly, I say to you, (AE)whatever you bind on earth shall be bound in heaven, and whatever you loose on earth shall be loosed[f] in heaven. 19 Again I say to you, if two of you (AF)agree on earth about anything they ask, (AG)it will be done for them by my Father in heaven. 20 For where two or three are (AH)gathered in my name, (AI)there am I among them.”
The Parable of the Unforgiving Servant
21 Then Peter came up and said to him, “Lord, how often (AJ)will my brother sin against me, and I forgive him? (AK)As many as seven times?” 22 Jesus said to him, “I do not say to you seven times, but seventy-seven times.[g]
23 “Therefore the kingdom of heaven may be compared to a king who wished (AL)to settle accounts with his servants.[h] 24 When he began to settle, one was brought to him who owed him (AM)ten thousand (AN)talents.[i] 25 (AO)And since he could not pay, his master ordered him (AP)to be sold, with his wife and (AQ)children and all that he had, and payment to be made. 26 So the servant[j] (AR)fell on his knees, imploring him, ‘Have patience with me, and I will pay you everything.’ 27 And out of pity for him, the master of that servant released him and (AS)forgave him the debt. 28 But when that same servant went out, he found one of his fellow servants who owed him a hundred (AT)denarii,[k] and seizing him, he began to choke him, saying, ‘Pay what you owe.’ 29 So his fellow servant fell down and pleaded with him, ‘Have patience with me, and I will pay you.’ 30 He refused and went and put him in prison until he should pay the debt. 31 When his fellow servants saw what had taken place, they were greatly distressed, and they went and reported to their master all that had taken place. 32 Then his master summoned him and said to him, ‘You wicked servant! I forgave you all that debt because you pleaded with me. 33 (AU)And should not you have had mercy on your fellow servant, as I had mercy on you?’ 34 (AV)And in anger his master delivered him to the jailers,[l] (AW)until he should pay all his debt. 35 (AX)So also my heavenly Father will do to every one of you, if you do not forgive your brother (AY)from your heart.”
Footnotes
- Matthew 18:6 Greek causes… to stumble; also verses 8, 9
- Matthew 18:7 Greek stumbling blocks
- Matthew 18:9 Greek Gehenna
- Matthew 18:10 Some manuscripts add verse 11: For the Son of Man came to save the lost
- Matthew 18:14 Some manuscripts your
- Matthew 18:18 Or shall have been bound… shall have been loosed
- Matthew 18:22 Or seventy times seven
- Matthew 18:23 Or bondservants; also verses 28, 31
- Matthew 18:24 A talent was a monetary unit worth about twenty years' wages for a laborer
- Matthew 18:26 Or bondservant; also verses 27, 28, 29, 32, 33
- Matthew 18:28 A denarius was a day's wage for a laborer
- Matthew 18:34 Greek torturers
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
The ESV® Bible (The Holy Bible, English Standard Version®), © 2001 by Crossway, a publishing ministry of Good News Publishers. ESV Text Edition: 2025.
