Add parallel Print Page Options

Ahotew

15 Da bi, Farisifo ne Yudafo mpanyin no bi fii Yerusalem baa Yesu nkyɛn bebisaa no se,

“Adɛn nti na w’asuafo no nni Yudafo amanne so? Yɛn amanne a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wonni so.”

Yesu nso bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo nso mode mo amanne no bu Onyankopɔn mmaransɛm so? Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka se, ‘Di w’agya ne wo na ni;’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa n’awofo ho no, ɛsɛ sɛ wokum no.’ Na mo de, nea moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne na anaa n’agya se, ‘Mewɔ ade bi a anka metumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne. Enti mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛe sɛ di w’agya ne wo na ni no so. Mo nyaatwomfo! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm se, ‘Saa nnipa yi ka se wodi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me. Wɔsom me ani so kɛkɛ, efisɛ, wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’ “

10 Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn se, “Muntie nea meka no na mommɔ mmɔden nte ase. 11 Ɛnyɛ ade a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho ntew, na mmom nea ebefi ne mu aba no na egu ne ho fi.”

12 Nsɛm a Yesu kae yi maa n’asuafo no ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wunim sɛ wo nsɛm a wokae no ama Farisifo no bo afuw?’ “

13 Yesu buaa wɔn se, “Dua biara a ɛnyɛ m’agya na oduae no, wobetu akyene. 14 Mummmua wɔn koraa. Na wɔyɛ anifuraefo a wɔrekyerɛ anifuraefo kwan nti, wɔn nyinaa bɛkɔ akɔtew ahwe amoa mu.”

15 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛ yɛn bɛ no ase.”

16 Yesu nso bisaa no se, “Ampa ara sɛ monte ase? 17 Munnim sɛ ade a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu, na asan aba bio? 18 Asɛm a ɛho ntew biara fi koma a emu ntew mu ma egu nea ɔkaa saa asɛm no ho fi. 19 Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayerefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi. 20 Eyinom na egu onipa ho fi, nanso sɛ obi anhohoro ne nsa, sɛnea mo amanne te no, na odidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”

Ɔbea bi gyidi

21 Yesu fii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. 22 Kanani bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.”

23 Yesu anka hwee. N’asuafo no hyɛɛ no sɛ, ɔmpam ɔbea no mfi hɔ. Wotii mu ka kyerɛɛ no bio se, “Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ na ɔde n’adesrɛ no retuatua yɛn aso.”

24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafo, Israel nguan a wɔayera no, na ɛnyɛ Amanamanmufo.”

25 Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, “Me wura, boa me!”

26 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Enye sɛ wobegye abodoo afi mmofra nsam atow ama akraman.”

27 Ɔbea no nso buae se, “Ɛwom saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no.”

28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Maame, wo gyidi mu yɛ den. Mɛyɛ w’abisade no ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no.

Yesu sa nyarewa ahorow

29 Yesu san baa Galilea po no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔw bi so. 30 Nnipa bebree de mpakye, anifuraefo, apirafo, mumu ne wɔn a wɔyare nyarewa ahorow baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yare ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 31 Anwonwasɛm bɛn ni! Wɔn a wɔnkasae da kasae; wɔn a wɔn nsa ne wɔn nan atwitwa nyaa nan ne nsa foforo; abubuafo nantewee, huruhuruwii, na anifuraefo huu ade. Nnipadɔm no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Israel Nyankopɔn.

Nnipa mpemnan aduanma

32 Afei, Yesu frɛɛ n’asuafo no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi me nkyɛn ha nnansa. Aduan a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso, mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afi mu a wonnidii, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ berɛw wɔ kwan so.”

33 N’asuafo no nso bisaa no se, “Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?”

34 Yesu nso bisaa wɔn se, “Abodoo dodow ahe na mowɔ?’ Wobuae se, “Yɛwɔ abodoo ason ne mpataa kakraa bi.”

35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ sare no so. 36 Afei, ɔfaa abodoo ason no ne mpataa no hyiraa so, na obubuu mu de maa asuafo no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni. 37 Wɔn nyinaa dii aduan no mee pintinn. 38 Wɔn a wodii saa aduan no, na wɔn dodow yɛ nnipa mpemnan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Wodidi wiei no, akyiri mporoporowa a wɔtasee no yɛɛ nkɛntɛmma ason.

39 Eyi akyi, Yesu gyaa nkurɔfo no kwan maa ɔno nso kɔtenaa ɔkorow mu twa kɔɔ Magadan.

That Which Defiles(A)

15 Then some Pharisees and teachers of the law came to Jesus from Jerusalem and asked, “Why do your disciples break the tradition of the elders? They don’t wash their hands before they eat!”(B)

Jesus replied, “And why do you break the command of God for the sake of your tradition? For God said, ‘Honor your father and mother’[a](C) and ‘Anyone who curses their father or mother is to be put to death.’[b](D) But you say that if anyone declares that what might have been used to help their father or mother is ‘devoted to God,’ they are not to ‘honor their father or mother’ with it. Thus you nullify the word of God for the sake of your tradition. You hypocrites! Isaiah was right when he prophesied about you:

“‘These people honor me with their lips,
    but their hearts are far from me.
They worship me in vain;
    their teachings are merely human rules.(E)[c](F)

10 Jesus called the crowd to him and said, “Listen and understand. 11 What goes into someone’s mouth does not defile them,(G) but what comes out of their mouth, that is what defiles them.”(H)

12 Then the disciples came to him and asked, “Do you know that the Pharisees were offended when they heard this?”

13 He replied, “Every plant that my heavenly Father has not planted(I) will be pulled up by the roots. 14 Leave them; they are blind guides.[d](J) If the blind lead the blind, both will fall into a pit.”(K)

15 Peter said, “Explain the parable to us.”(L)

16 “Are you still so dull?”(M) Jesus asked them. 17 “Don’t you see that whatever enters the mouth goes into the stomach and then out of the body? 18 But the things that come out of a person’s mouth come from the heart,(N) and these defile them. 19 For out of the heart come evil thoughts—murder, adultery, sexual immorality, theft, false testimony, slander.(O) 20 These are what defile a person;(P) but eating with unwashed hands does not defile them.”

The Faith of a Canaanite Woman(Q)

21 Leaving that place, Jesus withdrew to the region of Tyre and Sidon.(R) 22 A Canaanite woman from that vicinity came to him, crying out, “Lord, Son of David,(S) have mercy on me! My daughter is demon-possessed and suffering terribly.”(T)

23 Jesus did not answer a word. So his disciples came to him and urged him, “Send her away, for she keeps crying out after us.”

24 He answered, “I was sent only to the lost sheep of Israel.”(U)

25 The woman came and knelt before him.(V) “Lord, help me!” she said.

26 He replied, “It is not right to take the children’s bread and toss it to the dogs.”

27 “Yes it is, Lord,” she said. “Even the dogs eat the crumbs that fall from their master’s table.”

28 Then Jesus said to her, “Woman, you have great faith!(W) Your request is granted.” And her daughter was healed at that moment.

Jesus Feeds the Four Thousand(X)(Y)(Z)

29 Jesus left there and went along the Sea of Galilee. Then he went up on a mountainside and sat down. 30 Great crowds came to him, bringing the lame, the blind, the crippled, the mute and many others, and laid them at his feet; and he healed them.(AA) 31 The people were amazed when they saw the mute speaking, the crippled made well, the lame walking and the blind seeing. And they praised the God of Israel.(AB)

32 Jesus called his disciples to him and said, “I have compassion for these people;(AC) they have already been with me three days and have nothing to eat. I do not want to send them away hungry, or they may collapse on the way.”

33 His disciples answered, “Where could we get enough bread in this remote place to feed such a crowd?”

34 “How many loaves do you have?” Jesus asked.

“Seven,” they replied, “and a few small fish.”

35 He told the crowd to sit down on the ground. 36 Then he took the seven loaves and the fish, and when he had given thanks, he broke them(AD) and gave them to the disciples, and they in turn to the people. 37 They all ate and were satisfied. Afterward the disciples picked up seven basketfuls of broken pieces that were left over.(AE) 38 The number of those who ate was four thousand men, besides women and children. 39 After Jesus had sent the crowd away, he got into the boat and went to the vicinity of Magadan.

Footnotes

  1. Matthew 15:4 Exodus 20:12; Deut. 5:16
  2. Matthew 15:4 Exodus 21:17; Lev. 20:9
  3. Matthew 15:9 Isaiah 29:13
  4. Matthew 15:14 Some manuscripts blind guides of the blind