Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Study Bibles + commentaries + Scripture = deeper understanding. Explore Bible Gateway Plus.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
One verse. Every morning. Sign up.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Marko 16  Nkwa Asem

Owusɔre

16 Ade kyee a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo ne na Maria kɔtɔɔ nnuhuam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.

2 Da a edi nnawɔtwe no kan anɔpahema no, ansa na owia bepue no, wɔde nnuhuam no baa ɛda no so. 3 Wɔnam kwan so rekɔ no, na wɔredwen nea ɛbɛyɛ a wobepirew ɔbo no afi ɛda no ano no ho.

4 Nanso wɔreyɛ adu hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hui sɛ, obi apirew ɔbo kokuroko no afi ɛda no ano. 5 Wɔkɔɔ ɛda no mu kohuu aberante bi sɛ ɔhyɛ atade fitaa te nifa so hɔ. Wohuu no no, wɔbɔɔ birim. 6 Nanso, aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro. Ɛnyɛ Nasaretni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na mohwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toe hɔ! 7 Afei monkɔ na monkɔka eyi nkyerɛ n’asuafo no ne Petro se, “Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’“

8 Mmea no de hu ne ahopopo guan fii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Maria Magdalene

9 Kwasida anɔpa na Yesu sɔre fii awufo mu. Onipa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no kan ne Maria Magdalene, ɔbea a otuu ahohommɔne ason fii ne mu no. 10 Maria Magdalene kɔɔ asuafo no nkyɛn kohuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahow, na wɔresu. 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, wahu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ asuafo baanu

12 Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam fi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wohuu no no, mfitiase no, wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno, efisɛ, na wasesa. 13 Akyiri yi a wohuu onipa ko a ɔyɛ no, wotuu mmirika san baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ nkae no, nanso obiara annye wɔn anni.

14 Akyiri no a asuafo dubaako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidi a wonni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkae se wasɔre no anni no ho.

Asomafo no asɛmpaka

15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. 16 Na obiara a ogye di ma wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no fɔ.

17 “Saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye me di no akyi. Wɔde me din betu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforo. 18 Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”

Yesu sorokɔ

19 Awurade Yesu ne wɔn kasa wiei akyi no, wɔfaa no kɔɔ soro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.

20 Eyi akyi no, asuafo no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkae no den.

Next
Marko 15
Luka 1
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway