Add parallel Print Page Options

19 Afei ɔfaa abodoo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa n’asuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa abodoo yi bi no, momfa nkae me.”

20 Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa. 21 Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama. 22 Etwa sɛ miwu sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.”

Read full chapter