Luka 8
Nkwa Asem
Mmea a wodii Yesu akyi
8 Eyi akyi no, Yesu ne n’asuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm. 2 Ɔrekɔ no, nnipa a na wodi n’akyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahohommɔne ason fii ne mu no, 3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofii wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne n’asuafo.
Okuafo gu aba
4 Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se,
5 “Da bi, okuafo bi kɔɔ n’afum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu kwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔwee. 6 Ebi nso koguu abotan so, enti efifii no, ankyɛ na ne nyinaa hyewee, efisɛ, annya nsu. 7 Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui. 8 Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”
9 Na n’asuafo no bisaa no saa abebu yi ase no, 10 obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn abebu mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ nanso wɔrenhu na wɔbɛte nanso wɔrente ase.
Abebu no asekyerɛ
11 “Afei abebu no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. 12 Aba a eguu kwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye. 13 Aba a eguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu nanso entim wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua no nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw. 14 Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ.
15 Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde koma pa tie asɛmpa no, na wodi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanse.
Kanea ho bɛ
16 “Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17 Nea ahintaw no bɛda adi, na nea ɛwɔ kokoam no nso ada gua. 18 Enti nea mutie no, muntie no yiye. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na nea onni ahe bi no, nea osusuw sɛ ɛyɛ ne de no mpo, wobegye afi ne nsam.”
Yesu ne na ne ne nuanom
19 Da bi, Yesu ne na ne ne nuanom pɛe sɛ wɔne no kasa nanso esiane nnipakuw a na wɔatwa ne ho ahyia no nti, wɔantumi ne no ankasa. 20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se, ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no. 21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me na ne me nuanom ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”
Yesu brɛ ahum ase
22 Da bi a Yesu ne n’asuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” Wosiim a wɔrekɔ no, 23 Yesu dae. Saa bere no ara mu, ahum kɛse bi tui maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛe sɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tui yiye.
24 Asuafo no de hu ne nteɛteɛm nyanee no se, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
25 Afei obisaa wɔn se, “Adɛn na munni gyidi?” Wɔn nyinaa suroe de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a ahum ne asorɔkye mpo tie no yi?”
Yesu tu ɔbarima bi ahohommɔne
26 Yesu ne n’asuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so. 27 Yesu fi ɔkorow no mu sii fam pɛ, ɔbarima bi a ahohommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no. 28 Ohuu Yesu no, ɔteɛɛm, kotow ne nan ase san teɛteɛɛm se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.”
29 Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ, na Yesu ateɛteɛ ahohommɔne no sɛ womfi ne mu. Saa ahohommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde hama kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, otumi tetew mu ma ahohommɔne no pam no kɔ wuram. 30 Yesu bisaa no se, “Wo din de dɛn?” Obuaa no se, “Ɛdɔm.” Efisɛ na ahohommɔne ahyɛ no ma. 31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wonnkogu amanehunu bon no mu.
32 Saa bere no mu na mprako bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho kwan na wɔnkɔhyɛn mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33 Enti ahohommɔne no fii ɔbarima no mu kɔhyɛn mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui. 34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛwee wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn. 36 Na wɔn a wohuu ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yare no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amanneɛ. 37 Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya hɔ nohɔ.
38 Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ɔbarima a otuu ahohommɔne fii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se,
39 “Kɔ na kodi nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanse kyerɛ wo manfo.” Ɔbarima no fii hɔ kodii anwonwade a Yesu ayɛ ama no no ho adanse kyerɛɛ kurom hɔfo nyinaa.
Yairo babea
40 Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ, na wɔatwɛn no abrɛ.
41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn, bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi 42 na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu. Bere a Yesu rekɔ no, na nnipakuw no kyere ne so.
43 Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no, 44 fii Yesu akyi soo n’atade ano. Amonom hɔ ara, mogya a etu no no twae.
45 Yesu bisae se, “Hena na osoo m’atade ano no?” Obiara buae se, ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”
46 Yesu buaa no se, “Dabi, obi aso m’atade mu efisɛ, mete nka sɛ tumi bi afi me mu.”
47 Ɔbea no hui sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye, ɛno nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no.
48 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me ba, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoe kɔ.”
49 Yesu gu so rekasa no, obi fii Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, “Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio.”
50 Yesu tee asɛm no, osee Yairo se, “Nsuro, gye di na wo babea no benyan anya nkwa.”
51 Ɔduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu, onwui na wada.” 53 Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ, na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu.
54 Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɔre!” 55 Amonom hɔ ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni. 56 N’awofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nnkyerɛ obiara.
Luke 8
Living Bible
8 Not long afterwards he began a tour of the cities and villages of Galilee[a] to announce the coming of the Kingdom of God, and took his twelve disciples with him. 2 Some women went along, from whom he had cast out demons or whom he had healed; among them were Mary Magdalene (Jesus had cast out seven demons from her), 3 Joanna, Chuza’s wife (Chuza was King Herod’s business manager and was in charge of his palace and domestic affairs), Susanna, and many others who were contributing from their private means to the support of Jesus and his disciples.
4 One day he gave this illustration to a large crowd that was gathering to hear him—while many others were still on the way, coming from other towns.
5 “A farmer went out to his field to sow grain. As he scattered the seed on the ground, some of it fell on a footpath and was trampled on; and the birds came and ate it as it lay exposed. 6 Other seed fell on shallow soil with rock beneath. This seed began to grow, but soon withered and died for lack of moisture. 7 Other seed landed in thistle patches, and the young grain stalks were soon choked out. 8 Still other fell on fertile soil; this seed grew and produced a crop one hundred times as large as he had planted.” (As he was giving this illustration he said, “If anyone has listening ears, use them now!”)
9 His apostles asked him what the story meant.
10 He replied, “God has granted you to know the meaning of these parables, for they tell a great deal about the Kingdom of God. But these crowds hear the words and do not understand, just as the ancient prophets predicted.
11 “This is its meaning: The seed is God’s message to men. 12 The hard path where some seed fell represents the hard hearts of those who hear the words of God, but then the devil comes and steals the words away and prevents people from believing and being saved. 13 The stony ground represents those who enjoy listening to sermons, but somehow the message never really gets through to them and doesn’t take root and grow. They know the message is true, and sort of believe for a while; but when the hot winds of persecution blow, they lose interest. 14 The seed among the thorns represents those who listen and believe God’s words but whose faith afterwards is choked out by worry and riches and the responsibilities and pleasures of life. And so they are never able to help anyone else to believe the Good News.
15 “But the good soil represents honest, good-hearted people. They listen to God’s words and cling to them and steadily spread them to others who also soon believe.”
16 Another time he asked,[b] “Who ever heard of someone lighting a lamp and then covering it up to keep it from shining? No, lamps are mounted in the open where they can be seen. 17 This illustrates the fact that someday everything in men’s hearts[c] shall be brought to light and made plain to all. 18 So be careful how you listen; for whoever has, to him shall be given more; and whoever does not have, even what he thinks he has shall be taken away from him.”
19 Once when his mother and brothers came to see him, they couldn’t get into the house where he was teaching because of the crowds. 20 When Jesus heard they were standing outside and wanted to see him, 21 he remarked, “My mother and my brothers are all those who hear the message of God and obey it.”
22 One day about that time, as he and his disciples were out in a boat, he suggested that they cross to the other side of the lake. 23 On the way across he lay down for a nap, and while he was sleeping the wind began to rise. A fierce storm developed that threatened to swamp them, and they were in real danger.
24 They rushed over and woke him up. “Master, Master, we are sinking!” they screamed.
So he spoke to the storm: “Quiet down,” he said, and the wind and waves subsided and all was calm! 25 Then he asked them, “Where is your faith?”
And they were filled with awe and fear of him and said to one another, “Who is this man, that even the winds and waves obey him?”
26 So they arrived at the other side, in the Gerasene country across the lake from Galilee. 27 As he was climbing out of the boat a man from the city of Gadara came to meet him, a man who had been demon-possessed for a long time. Homeless and naked, he lived in a cemetery among the tombs. 28 As soon as he saw Jesus, he shrieked and fell to the ground before him, screaming, “What do you want with me, Jesus, Son of God Most High? Please, I beg you, oh, don’t torment me!”
29 For Jesus was already commanding the demon to leave him. This demon had often taken control of the man so that even when shackled with chains he simply broke them and rushed out into the desert, completely under the demon’s power. 30 “What is your name?” Jesus asked the demon. “Legion,” they replied—for the man was filled with thousands of them![d] 31 They kept begging Jesus not to order them into the Bottomless Pit.
32 A herd of pigs was feeding on the mountainside nearby, and the demons pled with him to let them enter into the pigs. And Jesus said they could. 33 So they left the man and went into the pigs, and immediately the whole herd rushed down the mountainside and fell over a cliff into the lake below, where they drowned. 34 The herdsmen rushed away to the nearby city, spreading the news as they ran.
35 Soon a crowd came out to see for themselves what had happened and saw the man who had been demon-possessed sitting quietly at Jesus’ feet, clothed and sane! And the whole crowd was badly frightened. 36 Then those who had seen it happen told how the demon-possessed man had been healed. 37 And everyone begged Jesus to go away and leave them alone (for a deep wave of fear had swept over them). So he returned to the boat and left, crossing back to the other side of the lake.
38 The man who had been demon-possessed begged to go too, but Jesus said no.
39 “Go back to your family,” he told him, “and tell them what a wonderful thing God has done for you.”
So he went all through the city telling everyone about Jesus’ mighty miracle.
40 On the other side of the lake the crowds received him with open arms, for they had been waiting for him.
41 And now a man named Jairus, a leader of a Jewish synagogue, came and fell down at Jesus’ feet and begged him to come home with him, 42 for his only child was dying, a little girl twelve years old. Jesus went with him, pushing through the crowds.
43-44 As they went a woman who wanted to be healed came up behind and touched him, for she had been slowly bleeding for twelve years, and could find no cure (though she had spent everything she had on doctors[e]). But the instant she touched the edge of his robe, the bleeding stopped.
45 “Who touched me?” Jesus asked.
Everyone denied it, and Peter said, “Master, so many are crowding against you. . . . ”
46 But Jesus told him, “No, it was someone who deliberately touched me, for I felt healing power go out from me.”
47 When the woman realized that Jesus knew, she began to tremble and fell to her knees before him and told why she had touched him and that now she was well.
48 “Daughter,” he said to her, “your faith has healed you. Go in peace.”
49 While he was still speaking to her, a messenger arrived from the Jairus’s home with the news that the little girl was dead. “She’s gone,” he told her father; “there’s no use troubling the Teacher now.”
50 But when Jesus heard what had happened, he said to the father, “Don’t be afraid! Just trust me, and she’ll be all right.”
51 When they arrived at the house, Jesus wouldn’t let anyone into the room except Peter, James, John, and the little girl’s father and mother. 52 The home was filled with mourning people, but he said, “Stop the weeping! She isn’t dead; she is only asleep!” 53 This brought scoffing and laughter, for they all knew she was dead.
54 Then he took her by the hand and called, “Get up, little girl!” 55 And at that moment her life returned and she jumped up! “Give her something to eat!” he said. 56 Her parents were overcome with happiness, but Jesus insisted that they not tell anyone the details of what had happened.
Footnotes
- Luke 8:1 and villages of Galilee, implied.
- Luke 8:16 Another time he asked, implied; see Matthew 5:16.
- Luke 8:17 in men’s hearts, implied.
- Luke 8:30 with thousands of them, implied. A legion consisted of 6,000 troops. Whether the demons were speaking literally, of course, is unknown.
- Luke 8:43 though she had spent everything she had on doctors. This clause is not included in some of the ancient manuscripts.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
The Living Bible copyright © 1971 by Tyndale House Foundation. Used by permission of Tyndale House Publishers Inc., Carol Stream, Illinois 60188. All rights reserved.