Add parallel Print Page Options

Wɔde Yesu kɔ Pilato anim

23 Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim. Wofii ase totoo n’ano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”

Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no anaa?” Yesu buaa no se, “Ɛno ara na woaka no.”

Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”

Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Ɔyɛ ɔmammɔfo. Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”

Pilato tee asɛm yi no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani anaa?”

Wɔde Yesu kɔ Herode anim

Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ ɔhene Herode anim, efisɛ, Galilea hyɛ n’ase. Saa bere no ara nso na ɔhene Herode wɔ Yerusalem. Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba n’anim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, n’ani gyei yiye, efisɛ, na ɔpɛe sɛ obehu no no, akyɛ.

Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree nanso emu biara nni hɔ a oyii ano. 10 Asɔfo mpanyin no ne mmara no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a ennim guu no so.

11 Herode ne n’asomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato. 12 Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.

Pilato di ma Yesu

13 Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin ne nnipadɔm no, 14 ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa, tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so mu wɔ mo anim nanso, minhu afobusɛm biara a megyina so mabu no fɔ. 15 Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ. 16 Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”

17 Twam Afahyɛ biara, Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn. 18 Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.” 19 Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase.

20 Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛe sɛ ogyaa no. 21 Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, ‘Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”

22 Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Dɛn bɔne na wayɛ? Minhu afobusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”

23 Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se, ɔmmɔ no asɛnnua mu.

24 Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn. 25 Wogyaee Baraba a esiane sɛ ɔhwanyanee ɔman san dii awu no nti, wɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.

Yesu asɛnnuambɔ

26 Afei wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii n’akyi. 27 Nnipadɔm a, mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii n’akyi.

28 Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma. 29 Na wɔka se, ‘Bere bi bɛba a, ɛbɛyɛ bere pa ama abonini.’ 30 Saa bere no na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, ‘Dwiriw gu yɛn so,’ ne nkoko nso se, ‘Kata yɛn so!’ 31 Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dumono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?” 32 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho sɛ wonkokum wɔn.

33 Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum.

34 Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ, wonnim nea wɔreyɛ.” Afei asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae. 35 Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”

36 Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no, 37 kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a, gye wo ho nkwa.”

38 Wɔkyerɛw saa asɛm yi “YUDAFO HENE NO NI!” bɔɔ n’atifi wɔ asɛnnua no so.

39 Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”

40 Nanso ɔdebɔneyɛfo a ɔka ho no, kaa n’anim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afobu koro no ara mu. 41 Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.” 42 Ɔsan kae se, “Yesu, sɛ wudu w’ahenni mu a, kae me.”

43 Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”

Yesu wu

44 Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔn abiɛsa. 45 Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tew abien.

46 Yesu teɛɛm dennen se, “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.

47 Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.”

48 Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hui sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe. 49 Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii n’akyi fi Galilea bae no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.

Wosie Yesu

50 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛba no. 51 Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛe no so. 52 Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. 53 Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu. 54 Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.

55 Wosiee amu no wiei no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae. 56 Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti, wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.

23 Then the whole assembly rose and led him off to Pilate.(A) And they began to accuse him, saying, “We have found this man subverting our nation.(B) He opposes payment of taxes to Caesar(C) and claims to be Messiah, a king.”(D)

So Pilate asked Jesus, “Are you the king of the Jews?”

“You have said so,” Jesus replied.

Then Pilate announced to the chief priests and the crowd, “I find no basis for a charge against this man.”(E)

But they insisted, “He stirs up the people all over Judea by his teaching. He started in Galilee(F) and has come all the way here.”

On hearing this, Pilate asked if the man was a Galilean.(G) When he learned that Jesus was under Herod’s jurisdiction, he sent him to Herod,(H) who was also in Jerusalem at that time.

When Herod saw Jesus, he was greatly pleased, because for a long time he had been wanting to see him.(I) From what he had heard about him, he hoped to see him perform a sign of some sort. He plied him with many questions, but Jesus gave him no answer.(J) 10 The chief priests and the teachers of the law were standing there, vehemently accusing him. 11 Then Herod and his soldiers ridiculed and mocked him. Dressing him in an elegant robe,(K) they sent him back to Pilate. 12 That day Herod and Pilate became friends(L)—before this they had been enemies.

13 Pilate called together the chief priests, the rulers and the people, 14 and said to them, “You brought me this man as one who was inciting the people to rebellion. I have examined him in your presence and have found no basis for your charges against him.(M) 15 Neither has Herod, for he sent him back to us; as you can see, he has done nothing to deserve death. 16 Therefore, I will punish him(N) and then release him.” [17] [a]

18 But the whole crowd shouted, “Away with this man! Release Barabbas to us!”(O) 19 (Barabbas had been thrown into prison for an insurrection in the city, and for murder.)

20 Wanting to release Jesus, Pilate appealed to them again. 21 But they kept shouting, “Crucify him! Crucify him!”

22 For the third time he spoke to them: “Why? What crime has this man committed? I have found in him no grounds for the death penalty. Therefore I will have him punished and then release him.”(P)

23 But with loud shouts they insistently demanded that he be crucified, and their shouts prevailed. 24 So Pilate decided to grant their demand. 25 He released the man who had been thrown into prison for insurrection and murder, the one they asked for, and surrendered Jesus to their will.

The Crucifixion of Jesus(Q)

26 As the soldiers led him away, they seized Simon from Cyrene,(R) who was on his way in from the country, and put the cross on him and made him carry it behind Jesus.(S) 27 A large number of people followed him, including women who mourned and wailed(T) for him. 28 Jesus turned and said to them, “Daughters of Jerusalem, do not weep for me; weep for yourselves and for your children.(U) 29 For the time will come when you will say, ‘Blessed are the childless women, the wombs that never bore and the breasts that never nursed!’(V) 30 Then

“‘they will say to the mountains, “Fall on us!”
    and to the hills, “Cover us!”’[b](W)

31 For if people do these things when the tree is green, what will happen when it is dry?”(X)

32 Two other men, both criminals, were also led out with him to be executed.(Y) 33 When they came to the place called the Skull, they crucified him there, along with the criminals—one on his right, the other on his left. 34 Jesus said, “Father,(Z) forgive them, for they do not know what they are doing.”[c](AA) And they divided up his clothes by casting lots.(AB)

35 The people stood watching, and the rulers even sneered at him.(AC) They said, “He saved others; let him save himself if he is God’s Messiah, the Chosen One.”(AD)

36 The soldiers also came up and mocked him.(AE) They offered him wine vinegar(AF) 37 and said, “If you are the king of the Jews,(AG) save yourself.”

38 There was a written notice above him, which read: this is the king of the jews.(AH)

39 One of the criminals who hung there hurled insults at him: “Aren’t you the Messiah? Save yourself and us!”(AI)

40 But the other criminal rebuked him. “Don’t you fear God,” he said, “since you are under the same sentence? 41 We are punished justly, for we are getting what our deeds deserve. But this man has done nothing wrong.”(AJ)

42 Then he said, “Jesus, remember me when you come into your kingdom.[d](AK)

43 Jesus answered him, “Truly I tell you, today you will be with me in paradise.”(AL)

The Death of Jesus(AM)

44 It was now about noon, and darkness came over the whole land until three in the afternoon,(AN) 45 for the sun stopped shining. And the curtain of the temple(AO) was torn in two.(AP) 46 Jesus called out with a loud voice,(AQ) “Father, into your hands I commit my spirit.”[e](AR) When he had said this, he breathed his last.(AS)

47 The centurion, seeing what had happened, praised God(AT) and said, “Surely this was a righteous man.” 48 When all the people who had gathered to witness this sight saw what took place, they beat their breasts(AU) and went away. 49 But all those who knew him, including the women who had followed him from Galilee,(AV) stood at a distance,(AW) watching these things.

The Burial of Jesus(AX)

50 Now there was a man named Joseph, a member of the Council, a good and upright man, 51 who had not consented to their decision and action. He came from the Judean town of Arimathea, and he himself was waiting for the kingdom of God.(AY) 52 Going to Pilate, he asked for Jesus’ body. 53 Then he took it down, wrapped it in linen cloth and placed it in a tomb cut in the rock, one in which no one had yet been laid. 54 It was Preparation Day,(AZ) and the Sabbath was about to begin.

55 The women who had come with Jesus from Galilee(BA) followed Joseph and saw the tomb and how his body was laid in it. 56 Then they went home and prepared spices and perfumes.(BB) But they rested on the Sabbath in obedience to the commandment.(BC)

Footnotes

  1. Luke 23:17 Some manuscripts include here words similar to Matt. 27:15 and Mark 15:6.
  2. Luke 23:30 Hosea 10:8
  3. Luke 23:34 Some early manuscripts do not have this sentence.
  4. Luke 23:42 Some manuscripts come with your kingly power
  5. Luke 23:46 Psalm 31:5