Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Start your day in Scripture. Get the Verse of the Day by email.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
We’ve made some updates. Have feedback?
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Korintofo II 6  Nkwa Asem

6 Anuanom a moyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo, yɛsrɛ mo sɛ, munnnye Onyankopɔn adom no kwa. 2 Onyankopɔn se, “Mitiee wo bere a ɛsɛ sɛ meyɛ wo adɔe, meboaa wo da no nam so gyee wo nkwa.” Muntie! Dɔnhwerew yi mu na ɛsɛ sɛ munya Onyankopɔn adom na ɛnnɛ ne nkwagye da no.

3 Yɛmpɛ sɛ obiara benya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmpɛ sɛ yɛde hintidua to obiara kwan mu. 4 Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano. 5 Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ, akyen kɔm. 6 Nanso yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahu, boasetɔ ne ayamye so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Afei yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokware dɔ, 7 yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Trenee ne yɛn akokyɛm a yɛde kɔ ɔtamfo so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso.

8 Wɔhoahoa yɛn na wogu yɛn anim ase. Wɔyaw yɛn na wɔakamfo yɛn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware.

9 Wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yewui, sɛnea muhu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. 10 Wɔmaa yɛn werɛ howee nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee nanso yɛwɔ biribiara.

11 Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokware akyerɛ mo. 12 Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn koma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo koma mu. 13 Mprempren, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛnea yedwen mo ho no, mo nso munnwen yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nnsie yɛn. Mummue mo koma mu!

Kɔkɔbɔ

14 Munnnyaa mo ho mmma abosonsomfo, efisɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ ye. Ɛbɛyɛ dɛn na nea eye ne nea enye ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Dɛn na gyidini ne nea ɔnyɛ gyidini wɔ yɛ? 16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se, “Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.” 17 Awurade se, “Ɛsɛ sɛ mugyaw wɔn na motew mo ho fi wɔn ho. Montew mo ho mfi nea ɛho ntew ho na megye mo. 18 Mɛyɛ mo Agya na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammea, Otumfo Awurade na ose.”

Next
Korintofo II 5
Korintofo II 7
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway