22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenguan. 24 Afiase sohwɛfo no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn koguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfinimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.

25 Ɔdasum a Paulo ne Silas rebɔ mpae reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ na nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no, 26 prɛko pɛ, asase wosowee denneenen maa afiase no nnyinaso nso wosowee maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔsɔnkɔnsɔn tetewee. 27 Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyanee na ohui sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuwii sɛ nneduafo no nyinaa aguan enti ɔtwee ne sekan pɛe sɛ anka ɔde kum ne ho.

28 Nanso Paulo kaw mu ka kyerɛɛ no se, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”

29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30 Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, “Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?”

31 Wobuae se, “Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa.”

32 Afei wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa. 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaa akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu. 34 Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho sanee wɔn, efisɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Wogyaa asomafo no

35 Ade kyee no, mpanyin no somaa asraafo kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfo no se, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36 Afiase sohwɛfo no ka kyerɛɛ Paulo se, “Mpanyin no asoma abɛka se minnyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti monkɔ asomdwoee mu.”

37 Nanso Paulo ka kyerɛɛ asraafo no se, “Yɛyɛ Romafo. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa aguabɔe bɛbɔɔ yɛn mmaa de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mugyaa yɛn sum ase? Dabida! Mpanyin no ankasa mmra ha mmegyaa yɛn.”

38 Asraafo no san kɔbɔɔ Roma mpanyin no amanneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wosuroe 39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem yii wɔn fii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn se womfi kurow no mu. 40 Paulo ne Silas fi afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofii hɔ kɔe

Read full chapter