Add parallel Print Page Options

Yɛn agya Nyankopɔn

12 Yɛn de, yɛwɔ adansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwansiwde nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneenen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho ntu mmirikakansi a ɛda yɛn anim no.

Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfitiase ne n’awiei gyina ne so no so. Asɛnnua no nti, wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owuu wɔ asɛnnua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. Dwen ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw. Na sɛ moko tia bɔne a, na monko ntiaa sɛ mo mogya begu.

Onyankopɔn asotwe fata yɛn

Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no se, “Me ba, sɛ Awurade twe w’aso a, tie no yiye, na sɛ ɔka w’anim a, mpa abaw. Efisɛ, obiara a Awurade pɛ n’asɛm no, na ɔtwe n’aso, na nea ɔfa no sɛ ɔba no, na ɔhwe no mmaa.”

Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no sɛ Agya no nteɛso, efisɛ, mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn reteɛ mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a n’agya nteɛ ne so da? Sɛ wanteɛ mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monyɛ ne mma kann. Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. 11 Sɛ wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ how saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri yi no, wɔn a wɔnam saa asotwe no so nya wɔn ho ntease no sow asomdwoe aba, tena ase trenee mu.

12 Monteɛteɛ nsa ne nkotodwe a emu agugow no mu. 13 Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom wɔasa wɔn yare.

14 Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoe mu, na mommɔ mmɔden ntena ase trenee mu. Anyɛ saa a, morenhu Awurade. 15 Monhwɛ yiye na mo mu bi annan n’akyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ sɛ afifide a ɛyɛ nwene a enyin ma ne bɔnwema no haw afoforo. 16 Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ nguamanfo ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a obuu n’ani guu n’agyapade so tɔn n’abakan de gyee aduan no. 17 Na afei eduu bere bi a ɔpɛe sɛ ne nsa ka n’agya hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisu peree sɛ wanya adwensakra de, nanso anyɛ ye.

Onyankopɔn anuonyam

18 Munhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhow, esum ne ahum sɛnea Israelfo no hyiae Sinai bepɔw no so bere a Onyankopɔn de ne mmara no mae no. 19 Efisɛ, na wɔrebɔ torobɛnto denneenen a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ onnyae kasa, 20 efisɛ, na wontumi nni mmara a na ɛka se, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔw no a, ɛsɛ sɛ wosiw no abo kum no” no so. 21 Na beae hɔ yɛ hu ara kosii sɛ Mose kae se, “Misuro, na me ho popo.”

22 Na mo de, moaba Sion Bepɔw so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kurow, ɔsoro soro Yerusalem a ɔsoro abɔfo mpempem wɔ mu no mu. 23 Moaba Onyankopɔn asafo mma dedaw a, wɔn ani gye wɔn ho a wɔakyerɛw wɔn din wɔ soro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temmufo ne atreneefo a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. 24 Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforo ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sen Habel mogya no ho.

25 Monhwɛ mo ho so yiye na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ wɔn na wɔantie no anguan. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan afi nea ɔkasa fi soro ho? 26 Ne nne wosow asase saa bere no, nanso mprempren wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsan awosow no, na mɛwosow soro nso bio saa ara.” 27 Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwosow nneɛma a wɔbɔe no na atutu afi wɔn ananmu na nneɛma a wɔanwosow no no aka.

28 Momma yɛnna so ase, efisɛ, yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ ye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne suro so nsom no, 29 efisɛ, nokware, yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew na ɛsɛe ade.