Hebrifo 12
Nkwa Asem
Yɛn agya Nyankopɔn
12 Yɛn de, yɛwɔ adansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwansiwde nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneenen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho ntu mmirikakansi a ɛda yɛn anim no.
2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfitiase ne n’awiei gyina ne so no so. Asɛnnua no nti, wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owuu wɔ asɛnnua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. 3 Dwen ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw. 4 Na sɛ moko tia bɔne a, na monko ntiaa sɛ mo mogya begu.
Onyankopɔn asotwe fata yɛn
5 Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no se, “Me ba, sɛ Awurade twe w’aso a, tie no yiye, na sɛ ɔka w’anim a, mpa abaw. 6 Efisɛ, obiara a Awurade pɛ n’asɛm no, na ɔtwe n’aso, na nea ɔfa no sɛ ɔba no, na ɔhwe no mmaa.”
7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no sɛ Agya no nteɛso, efisɛ, mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn reteɛ mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a n’agya nteɛ ne so da? 8 Sɛ wanteɛ mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monyɛ ne mma kann. 9 Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. 11 Sɛ wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ how saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri yi no, wɔn a wɔnam saa asotwe no so nya wɔn ho ntease no sow asomdwoe aba, tena ase trenee mu.
12 Monteɛteɛ nsa ne nkotodwe a emu agugow no mu. 13 Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom wɔasa wɔn yare.
14 Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoe mu, na mommɔ mmɔden ntena ase trenee mu. Anyɛ saa a, morenhu Awurade. 15 Monhwɛ yiye na mo mu bi annan n’akyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ sɛ afifide a ɛyɛ nwene a enyin ma ne bɔnwema no haw afoforo. 16 Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ nguamanfo ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a obuu n’ani guu n’agyapade so tɔn n’abakan de gyee aduan no. 17 Na afei eduu bere bi a ɔpɛe sɛ ne nsa ka n’agya hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisu peree sɛ wanya adwensakra de, nanso anyɛ ye.
Onyankopɔn anuonyam
18 Munhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhow, esum ne ahum sɛnea Israelfo no hyiae Sinai bepɔw no so bere a Onyankopɔn de ne mmara no mae no. 19 Efisɛ, na wɔrebɔ torobɛnto denneenen a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ onnyae kasa, 20 efisɛ, na wontumi nni mmara a na ɛka se, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔw no a, ɛsɛ sɛ wosiw no abo kum no” no so. 21 Na beae hɔ yɛ hu ara kosii sɛ Mose kae se, “Misuro, na me ho popo.”
22 Na mo de, moaba Sion Bepɔw so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kurow, ɔsoro soro Yerusalem a ɔsoro abɔfo mpempem wɔ mu no mu. 23 Moaba Onyankopɔn asafo mma dedaw a, wɔn ani gye wɔn ho a wɔakyerɛw wɔn din wɔ soro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temmufo ne atreneefo a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. 24 Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforo ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sen Habel mogya no ho.
25 Monhwɛ mo ho so yiye na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ wɔn na wɔantie no anguan. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan afi nea ɔkasa fi soro ho? 26 Ne nne wosow asase saa bere no, nanso mprempren wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsan awosow no, na mɛwosow soro nso bio saa ara.” 27 Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwosow nneɛma a wɔbɔe no na atutu afi wɔn ananmu na nneɛma a wɔanwosow no no aka.
28 Momma yɛnna so ase, efisɛ, yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ ye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne suro so nsom no, 29 efisɛ, nokware, yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew na ɛsɛe ade.
Hebreos 12
Spanish Blue Red and Gold Letter Edition
12 POR tanto nosotros también, teniendo en derredor nuestro una tan grande nube de testigos, dejando todo el peso del pecado que nos rodea, corramos con paciencia la carrera que nos es propuesta,
2 Puestos los ojos en el autor y consumador de la fe, en Jesús; el cual, habiéndole sido propuesto gozo, sufrió la cruz, menospreciando la vergüenza, y sentóse á la diestra del trono de Dios.
3 Reducid pues á vuestro pensameinto á aquel que sufrió tal contradicción de pecadores contra sí mismo, porque no os fatiguéis en vuestros ánimos desmayando.
4 Que aun no habéis resistido hasta la sangre, combatiendo contra el pecado:
5 Y estáis ya olvidados de la exhortación que como con hijos habla con vosotros, diciendo:
Hijo mío, no menosprecies el castigo del Señor,
Ni desmayes cuando eres de él reprendido.
6 Porque el Señor al que ama castiga,
Y azota á cualquiera que recibe por hijo.
7 Si sufrís el castigo, Dios se os presenta como á hijos; porque ¿qué hijo es aquel á quien el padre no castiga?
8 Mas si estáis fuera del castigo, del cual todos han sido hechos participantes, luego sois bastardos, y no hijos.
9 Por otra parte, tuvimos por castigadores á los padres de nuestra carne, y los reverenciábamos, ¿por qué no obedeceremos mucho mejor al Padre de los espíritus, y viviremos?
10 Y aquéllos, á la verdad, por pocos días nos castigaban como á ellos les parecía, mas éste para lo que nos es provechoso, para que recibamos su santificación.
11 Es verdad que ningún castigo al presente parece ser causa de gozo, sino de tristeza; mas después da fruto apacible de justicia á los que en él son ejercitados.
12 Por lo cual alzad las manos caídas y las rodillas paralizadas;
13 Y haced derechos pasos á vuestros pies, porque lo que es cojo no salga fuera de camino, antes sea sanado.
14 Seguid la paz con todos, y la santidad, sin la cual nadie verá al Señor:
15 Mirando bien que ninguno se aparte de la gracia de Dios, que ninguna raíz de amargura brotando os impida, y por ella muchos sean contaminados;
16 Que ninguno sea fornicario, ó profano, como Esaú, que por una vianda vendió su primogenitura.
17 Porque ya sabéis que aun después, deseando heredar la bendición, fue reprobado (que no halló lugar de arrepentimiento), aunque la procuró con lágrimas.
18 Porque no os habéis llegado al monte que se podía tocar, y al fuego encendido, y al turbión, y á la oscuridad, y á la tempestad,
19 Y al sonido de la trompeta, y á la voz de las palabras, la cual los que la oyeron rogaron que no se les hablase más;
20 Porque no podían tolerar lo que se mandaba: Si bestia tocare al monte, será apedreada, ó pasada con dardo.
21 Y tan terrible cosa era lo que se veía, que Moisés dijo: Estoy asombrado y temblando.
22 Mas os habéis llegado al monte de Sión, y á la ciudad del Dios vivo, Jerusalem la celestial, y á la compañía de muchos millares de ángeles,
23 Y á la congregación de los primogénitos que están alistados en los cielos, y á Dios el Juez de todos, y á los espíritus de los justos hechos perfectos,
24 Y á Jesús el Mediador del nuevo testamento, y á la sangre del esparcimiento que habla mejor que la de Abel.
25 Mirad que no desechéis al que habla. Porque si aquellos no escaparon que desecharon al que hablaba en la tierra, mucho menos nosotros, si desecháramos al que habla de los cielos.
26 La voz del cual entonces conmovió la tierra; mas ahora ha denunciado, diciendo: Aun una vez, y yo conmoveré no solamente la tierra, mas aun el cielo.
27 Y esta palabra, Aun una vez, declara la mudanza de las cosas movibles, como de cosas hechas, para que queden las cosas que son firmes.
28 Así que, tomando el reino inmóvil, retengamos la gracia por la cual vamos á Dios agradándole con temor y reverencia;
29 Porque nuestro Dios es fuego consumidor.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Spanish Blue Red and Gold Letter Edition (SRV-BRG)
Blue Red and Gold Letter Edition™ Copyright © 2012/2015 BRG Bible Ministries. Used by Permission. All rights reserved.
BRG Bible is a Registered Trademark in U.S. Patent and Trademark Office #4145648