Add parallel Print Page Options

Paulo ne asomafo a aka no

Mfe dunan akyi, me ne Barnaba san kɔɔ Yerusalem. Mede Tito nso kaa me ho. Mekɔe efisɛ, Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me sɛ menkɔ. Me ne mpanyimfo no yɛɛ nhyiam kokoam kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka mekyerɛɛ Amanamanmufo no mu kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ m’adwuma a mayɛ dedaw ne nea migu so reyɛ no yɛ ɔkwa. Ɛwom sɛ me hokafo Tito yɛ Helani de, nanso wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia, na mmom, nnipa bi a wɔboapa yɛɛ wɔn ho sɛ anuanom no bi a wɔde wɔn ho abɔ kuw no pɛe sɛ wotwa no twetia. Saa nnipa yi baa yɛn mu sɛ akwansrafo bɛhwɛɛ ahofadi a yɛnam yɛn a yɛne Kristo ayɛ baako so anya no, na wɔnam so adan yɛn nkoa no. Sɛnea ɛbɛyɛ a Asɛmpa no bɛtena mo nkyɛn nti, yɛamma wɔn kwan koraa.

Wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitiriw no, sɛnea wɔte biara no meka se, minhu wɔn ntam nsonoe biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanyimfo no mfaa adwene foforo biara mmɛkaa m’asɛm no ho. Na mmom wohui sɛ Onyankopɔn de dwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ Amanamanmufo sɛnea ɔde dwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafo no ara pɛ. Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafo mu somafo no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ Amanamanmufo mu sɛnea Petro yɛ Yudafo mu adwuma no pɛ. Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanyimfo no, gye too mu sɛ, Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi sɛ minni, enti wokyiaa me ne Barnaba. Wɔpenee so sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ Amanamanmufo no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafo no mu. 10 Wobisae sɛ yɛnkae ahiafo wɔ wɔn kuw no mu sɛnea mepɛ sɛ meyɛ no.

11 Bere a Petro baa Antiokia no, mitiaa nea ɔreyɛ no mu wɔ bagua mu, efisɛ, na ɔreyɛ mfomso. 12 Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no beduu hɔ no, na Petro ne anuanom Amanamanmufo no ato nsa adidi. Nanso nnipa no bedui akyi no, ɔtwee ne ho sɛ ɔne wɔn nnidi bio, efisɛ, na osuro wɔn a wɔpɛ sɛ wotwa Amanamanmufo twetia no. 13 Anuanom Yudafo a aka no yɛɛ sɛ ahufo de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn ho. 14 Mihui sɛ nsɛm a wɔreka no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa no wɔ Petro ne bagua no anim se, “Woyɛ Yudani nanso woyɛ wo ho sɛ Amanamanmuni. Wonyɛ wo ho sɛ Yudani. Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ahyɛ Amanamanmufo ama wɔatena ase sɛ Yudafo?”

15 Ɛyɛ nokware sɛ yɛyɛ Yudafo fi yɛn awo mu. Yɛnyɛ Amanamanmufo nnebɔneyɛfo no.

16 Yenim sɛ ansa na obi bɛfata Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ogye a yegye Kristo di no so na ɛnyɛ Mmara no apɛde a yɛyɛ so na yɛnam bɛfata Onyankopɔn anim. Onipa biara nni hɔ a ɔbɛyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ na ɔbɛfata Onyankopɔn anim. 17 Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pɛ bɔne? Ɛnte saa koraa. 18 Sɛ mifiti si nea mabubu no a ɛkyerɛ sɛ mebu Mmara so. 19 Na Mmara no nti, mawu. Mmara no ankasa akum me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase mama Onyankopɔn. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu 20 enti ɛnyɛ me na mete ase bio na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu. 21  Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a owui no yɛ ɔkwa.

Paul Accepted by the Apostles

Then after fourteen years, I went up again to Jerusalem,(A) this time with Barnabas.(B) I took Titus(C) along also. I went in response to a revelation(D) and, meeting privately with those esteemed as leaders, I presented to them the gospel that I preach among the Gentiles.(E) I wanted to be sure I was not running and had not been running my race(F) in vain. Yet not even Titus,(G) who was with me, was compelled to be circumcised, even though he was a Greek.(H) This matter arose because some false believers(I) had infiltrated our ranks to spy on(J) the freedom(K) we have in Christ Jesus and to make us slaves. We did not give in to them for a moment, so that the truth of the gospel(L) might be preserved for you.

As for those who were held in high esteem(M)—whatever they were makes no difference to me; God does not show favoritism(N)—they added nothing to my message.(O) On the contrary, they recognized that I had been entrusted with the task(P) of preaching the gospel to the uncircumcised,[a](Q) just as Peter(R) had been to the circumcised.[b] For God, who was at work in Peter as an apostle(S) to the circumcised, was also at work in me as an apostle(T) to the Gentiles. James,(U) Cephas[c](V) and John, those esteemed as pillars,(W) gave me and Barnabas(X) the right hand of fellowship when they recognized the grace given to me.(Y) They agreed that we should go to the Gentiles,(Z) and they to the circumcised. 10 All they asked was that we should continue to remember the poor,(AA) the very thing I had been eager to do all along.

Paul Opposes Cephas

11 When Cephas(AB) came to Antioch,(AC) I opposed him to his face, because he stood condemned. 12 For before certain men came from James,(AD) he used to eat with the Gentiles.(AE) But when they arrived, he began to draw back and separate himself from the Gentiles because he was afraid of those who belonged to the circumcision group.(AF) 13 The other Jews joined him in his hypocrisy, so that by their hypocrisy even Barnabas(AG) was led astray.

14 When I saw that they were not acting in line with the truth of the gospel,(AH) I said to Cephas(AI) in front of them all, “You are a Jew, yet you live like a Gentile and not like a Jew.(AJ) How is it, then, that you force Gentiles to follow Jewish customs?(AK)

15 “We who are Jews by birth(AL) and not sinful Gentiles(AM) 16 know that a person is not justified by the works of the law,(AN) but by faith in Jesus Christ.(AO) So we, too, have put our faith in Christ Jesus that we may be justified by faith in[d] Christ and not by the works of the law, because by the works of the law no one will be justified.(AP)

17 “But if, in seeking to be justified in Christ, we Jews find ourselves also among the sinners,(AQ) doesn’t that mean that Christ promotes sin? Absolutely not!(AR) 18 If I rebuild what I destroyed, then I really would be a lawbreaker.

19 “For through the law I died to the law(AS) so that I might live for God.(AT) 20 I have been crucified with Christ(AU) and I no longer live, but Christ lives in me.(AV) The life I now live in the body, I live by faith in the Son of God,(AW) who loved me(AX) and gave himself for me.(AY) 21 I do not set aside the grace of God, for if righteousness could be gained through the law,(AZ) Christ died for nothing!”[e]

Footnotes

  1. Galatians 2:7 That is, Gentiles
  2. Galatians 2:7 That is, Jews; also in verses 8 and 9
  3. Galatians 2:9 That is, Peter; also in verses 11 and 14
  4. Galatians 2:16 Or but through the faithfulness of … justified on the basis of the faithfulness of
  5. Galatians 2:21 Some interpreters end the quotation after verse 14.