Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Start your day in Scripture. Get the Verse of the Day by email.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Read Scripture without ads. Try Bible Gateway Plus.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Asomafo 3  Nkwa Asem

Obubuafo bi ayaresa

3 Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔn abiɛsa a ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae. 2 Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Pon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto pon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn.

3 Bere a ohui sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi. 4 Wɔhwɛɛ n’anim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ yɛn!”

5 Ɔhwɛɛ wɔn susuwii sɛ wɔbɛma no biribi.

6 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kritso Nasaretni din mu, sɔre nantew!”

7 Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den. 8 Ohuruw gyinaa ne nan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn.

9 Nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wohuu no no, wohui sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛfo a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Pon Fɛfɛ no ano no. Wɔn ho dwiriw wɔn.

Petro kasa kyerɛ nnipa no

11 Bere a nnipa no hui sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abranna no so hɔ.

12 Bere a Petro huu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare? 13 Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ sɛ ɔbegyaa no no mpo, mopoo no wɔ n’anim. 14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafo mma mo. 15 Enti mukum obi a ogye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho adansefo.

16 “Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.

17 “Afei me nuanom, minim sɛ nea mo ne mo mpanyimfo yɛɛ Yesu no na onim na munnim. 18 Tete no Onyankopɔn nam n’adiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu. 19 Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔde mo bɔne afiri mo, 20 sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Mesia no a wayi no ama mo dedaw no. 21 Sɛnea Onyankopɔn nam n’adiyifo Kronkron so aka dedaw no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforo. 22 Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23 Obiara a wantie nea odiyifo no bɛka no, wɔbɛtew no afi Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔasɛe no.’

24 “Samuel ne adiyifo a akyiri yi wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn. 25 Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifo so hyɛɛ no yɛ mo de. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamoe no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham se, ‘W’asefo so na menam mehyira wiasefo nyinaa.’ 26 Enti Onyankopɔn dii kan yii ne somfo somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnan mfi mo akwammɔne no so.”

Next
Asomafo 2
Asomafo 4
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway